Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnna yɛdanee yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan soɔ; na Basan hene Og firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛnna yɛdanee yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan soɔ; na Basan hene Og firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan kwan so. Basanhene Og ne nʼasrafo nyinaa fi behyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan ɛkwan so. Basanhene Og ne nʼasraadɔm firi bɛhyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna yɛdan yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan so; na Basan hene Og fi behyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 3:1
15 Iomraidhean Croise  

Uri ba Geber wɔ Gilead asase so, Amorifoɔ hene Sihon ne Basanhene Og asase so, na toɔ sohwɛfoɔ baako na ɔwɔ Yuda asase no soɔ.


Na wode ahennie ne amanaman maa wɔn, na wokyekyɛɛ wɔn mu ntonto so, na wɔfaa Sihon asase, Hesbonhene asase, ne Basanhene Og asase no.


Na Basan hene Og, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


kum a wɔkum Amorifoɔ hene Sihon a ɔte Hesbon ne Basan hene Og a ɔte Astarot wɔ Edrei no akyi;


Ɛnna Sihon firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas.


Na moduruu ha yi no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og firi ne yɛn bɛkoe, na yɛkumm wɔn;


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro no, na mede ɔne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, sɛ yɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.


Na AWURADE bɛyɛ wɔn sɛdeɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahene Sihon ne Og a ɔsɛee wɔn no ne wɔn asase.


Na wɔfaa n’asase ne Basan hene Og asase, Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔtenatenaa Yordan agya, apueeɛ fam no, asase,


Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so,


ne Basan hene Og a ɔfiri abrane akɛseɛ a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no.


Na wɔn hyeɛ firi Mahanaim, Basan nyinaa, Basan hene Og ahennie nyinaa ne Yair nkuro a ɛwɔ Basan no nyinaa, nkuro aduosia;


ne deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og a ɔtenaa Astarot no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan