Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 27:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wobɛtwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wobɛtwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ mutwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so, asase a ɛwo ne nufusu resen so no so a, monkyerɛw mmara no nyinaa ngu so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ motwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo resene so no so a, montwerɛ mmara no nyinaa ngu so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na kyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wubetwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 27:3
14 Iomraidhean Croise  

na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina, sɛ mede asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ bɛma wɔn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na megyee so sɛ: Amen, AWURADE!


na womaa wɔn asase yi a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wode bɛma wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


na mese mo sɛ: Mo na monni wɔn asase soɔ, na mede mema mo sɛ momfa, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afiri amanaman mu no.


Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn soɔ no so, na ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ ampa, na ɛso aba nie.


Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so na ɔde ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Na ɔde yɛn aba ha yi de asase yi ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yie, na woadɔɔso pii, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so.


na fa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkaeɛ abotire;


Yei ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu, na matwerɛ wɔ wɔn adwene mu


Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Na aboɔ no so hɔ na ɔtwerɛɛ Mose mmara ntimu a ɔtwerɛɛ no Israelfoɔ anim no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan