Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 26:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na yɛsu frɛɛ AWURADE yɛn nananom Nyankopɔn, na ɔtiee yɛn nne, na ɔhunuu yɛn mmɔborɔ a yɛyɛ, yɛn haw ne yɛn ahodwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 na yɛsu frɛɛ AWURADE yɛn nananom Nyankopɔn, na ɔtiee yɛn nne, na ɔhunuu yɛn mmɔborɔ a yɛyɛ, yɛn haw ne yɛn ahodwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 yesu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn no. Ɔtee yɛn sufrɛ na ohuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a na yɛwɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 yɛsu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Ɔtee yɛn sufrɛ na ɔhunuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a yɛwɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na yesu frɛɛ AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn, na AWURADE tiee yɛn nne, na ohuu yɛn ade mmɔbɔ a ɛyɛ ne yɛn haw ne yɛn ahoguan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 26:7
18 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Nyankopɔn bɔfoɔ firi soro frɛɛ Hagar bisaa no sɛ: Hagar, ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ deɛ ɔwɔ hɔ.


Na Lea nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ruben, na ɔse: AWURADE ahwɛ m’amaneɛ, na afei deɛ, me kunu bɛdɔ me.


Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu.


Dane w’ani kyerɛ me, na dom me, sɛdeɛ woyɛ wɔn a wɔdɔ wo din no.


Na woanyi me anhyɛ ɔtamfoɔ nsa, wode me nan agyina deɛ ɛtrɛ.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim.


Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, ɔhunuu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.


Na afei, hwɛ, Israelfoɔ no sufrɛ no aduru m’anim, na mahunu ɔhaw a Misraimfoɔ de ha wɔn no nso.


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Nanso mate Israelfoɔ a Misraimfoɔ di wɔn nya no apinisie, na makae m’apam no.


Sei na AWURADE a ɔyɛ adeɛ yi, AWURADE a ɔsiesie ma no si hɔ no, a AWURADE ne ne din no seɛ:


Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu mɛsoma ɔbarima bi afiri Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so hene, na ɔnnye me man mfiri Filistifoɔ nsam; na mahunu me man, ɛfiri sɛ wɔn su aduru me nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan