5 Mose 26:12 - New Revised Asante Twi Bible12 Sɛ wowie wo nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du nyinaa yiyi, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne ntotosoɔ du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ ama wɔadi no wo kuro apono mu amee a, Faic an caibideilTwerɛ Kronkron12 Sɛ wowie wo nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du nyinaa yiyi, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne ntotosoɔ du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ ama wɔadi no wo kuro apono mu amee a, Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm12 Afe a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ ntotoso du du afe a woayi wo nnɔbae so ntotoso du du awie no ɛsɛ sɛ mode ma Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a wobedidi amee wɔ mo nkurow so. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm12 Mfeɛ mmiɛnsa biara, ɛsɛ sɛ moma mo mfudeɛ ho ntotosoɔ dudu sononko. Ɛsɛ sɛ mode saa ntotosoɔ dudu sononko no ma Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya bi adi amee wɔ mo nkuro so. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON12 Sɛ wuwie wo nnɔbae mu ntotoso du du nyinaa yiyi, afe a ɛto so abiɛsa a ɛne ntotoso du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo ama wɔadi wo nkurow mu amee a, Faic an caibideil |