Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 21:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Sɛ wohunu obi a wɔaku no da wiram asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wonnim deɛ ɔkumm no a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Sɛ wohunu obi a wɔaku no da wiram asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wonnim deɛ ɔkum no a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ wohu sɛ wɔakum obi da afum wɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ munnim owudifo no a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ wɔhunu sɛ wɔakum obi da afuom wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ monnim owudifoɔ no a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Sɛ wuhu obi a wɔakum no da wuram, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wunnim nea okum no a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 21:1
10 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.


Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.


sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.


Onipa a obi mogya ho so da ne soɔ no, ɔbɛdwane akɔduru amena mu, mma wɔnnsianka no.


Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.


Na nnipa a wɔwɔ hɔ no hunuu aboa no sɛ ɔsɛne ne nsa ho no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ owudini a wanya nkwa afiri ɛpo mu deɛ, nanso aweretɔ nti, ɛremma no nnya nkwa.


na wɔanhwie mogya a bɔne nni mu angu w’asase a ɔde rema wo sɛ di soɔ no so, na woanni mogya ho so.


Nanso nnua a wonim sɛ ɛnyɛ nnua a wɔdie no deɛ, sɛe no na twa fa yɛ kuro a ɛne wo redi ako no ntuaban kɔsi sɛ wobɛbrɛ no aseɛ.


ɛnneɛ wo mpanimfoɔ ne w’atemmufoɔ mfiri adi nkɔsusu nkɔduru nkuro a ɛdeda deɛ wɔaku no no ho no so;


Na mehyɛɛ mo saa berɛ no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ monni so, mo akofoɔ nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfoɔ anim;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan