Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na yɛsianee yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba mpaperɛ so kwan so firii Elat ne Esion-geber danee yɛn ho bɛtwaa mu Moab serɛ so kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na yɛsianee yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba mpaperɛ so kwan so firii Elat ne Esion-geber danee yɛn ho bɛtwaa mu Moab serɛ so kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Yetwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefo a wɔte Seir ho no. Yɛfaa Araba subon kwan no a efi Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab sare so kwan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yɛtwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no ho. Yɛfaa Araba subɔnhwa ɛkwan no a ɛfiri Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab ɛserɛ so ɛkwan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na yetwaa yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba tataw so kwan so fii Elat ne Esion-geber dan yɛn ho betwaam Moab sare so kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 2:8
9 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Aman mmienu na ɛwɔ wo yam, na nkurɔfoɔ ahodoɔ mmienu na ɛbɛtete wɔn ho mu afiri wo yafunu mu. Na ɔman no baako bɛdi baako so, na ɔpanin no bɛsom akumaa no.


Na Ɔhene Salomo yɛɛ ahyɛn wɔ Esion-geber a ɛwɔ Elot ho, Mmɛwa Po ano, Edom asase so.


Ɔno na ɔkyekyeree Elat na ɔdane maa Yuda, na akyire yi no ɔhene no tii n’agyanom wɔ asamando.


Ɛberɛ no mu ara na Siriahene Resin gyee Elat sane maa Siria, na ɔpamoo Yudafoɔ no firii Elat, na Edomfoɔ baa Elat bɛtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.


Na wɔtu firii Hor bepɔ ho faa Mmɛwa Po kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kɔntɔnkrɔn akɔ. Na ɔman no ahome tee wɔn ho pii ɔkwan no so.


Na wɔtu firii Abrona kɔkyeree nsraban Esion-geber.


Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa, Yordan agya serɛ soɔ, Araba mpaperɛ so, Suf ntentensoɔ, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam;


Na wɔnantee ɛserɛ so kɔtwaa Edom asase ne Moab asase ho kɔntɔnkrɔn, na wɔbɛfirii Moab asase no apueeɛ, na wɔbɛkyeree nsraban Arnon agya nohoa, na wɔamma Moab asase so, ɛfiri sɛ Arnon ne Moab bɔ hyeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan