Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 19:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 na mogya ho weretɔfoɔ amfa abufuhyeɛ anti onipakumfoɔ no na ɔkwan no wareɛ nti, wankɔto no anku no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa kumfoɔ no wuo, ɛfiri sɛ berɛ a atwam no na ɔntane ne yɔnko no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 na mogya ho weretɔfoɔ amfa abufuhyeɛ anti onipakumfoɔ no na ɔkwan no wareɛ nti, wankɔto no anku no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa kumfoɔ no wuo, ɛfiri sɛ berɛ a atwam no na ɔntane ne yɔnko no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ anyɛ saa a ɔweretɔni no de abufuw bɛtaa no. Sɛ ɔkwan no ware dodo a ɔbɛto no akum no bi, a anka ɔmfata owu, esiane sɛ ɔnnam adwemmɔne biara so na okum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ dwanekɔbea biara mmɛn hɔ a, ɔtaafoɔ bi bɛtumi ataa onipakumfoɔ no akum no. Sɛ ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ, wɔakum onipakumfoɔ no wɔ ɛberɛ a wanhyɛ da akum obi. Wankum onipa, na mmom deɛ ɔyɛeɛ yɛ asiane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 na mogya ho werefo no amfa abufuhyew antiw onipakumfo no, na ɔkwan no ware nti, wankɔto no ankum no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa no wu, efisɛ bere a atwam no na ɔntan ne yɔnko no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 19:6
7 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre atia w’afenaa sɛ: Yi deɛ ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awuo no kra nti yɛnku no. Wɔnam yei so bɛsɛe ɔdedifoɔ no nso, na wɔde rebɛhye m’ase, na wɔannya din anaa okyikafoɔ biara amma me kunu asase so.


Na nkuro no nyɛ dwanekɔbea mma mo mfiri ɔweretɔfoɔ nsam, na onipakumfoɔ no anwu kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo anim na wɔabu no atɛn ansa.


sɛ ebia obi ne ne yɔnko kɔ kwaeɛ mu kɔto nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dadeɛ no hɔn firi ne dua mu bɔ ne yɔnko ma no wu a, ɛnneɛ ɔnnwane nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnnya nkwa;


Enti na merehyɛ wo sɛ yiyi nkuro mmiɛnsa fa.


Na sɛ obi yɛ bɔne a ɛsɛ kum na wɔku no de no sɛne dua bi so a,


Na sɛ mogya ho werefoɔ no ti no ba a, wɔmmfa onipakumfoɔ no nnhyɛ ne nsa, ɛfiri sɛ na ɔnnim na ɔbɔɔ ne yɔnko no, nanso berɛ a atwam no na ɔntane no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan