Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 19:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 sɛ ebia obi ne ne yɔnko kɔ kwaeɛ mu kɔto nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dadeɛ no hɔn firi ne dua mu bɔ ne yɔnko ma no wu a, ɛnneɛ ɔnnwane nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnnya nkwa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 sɛ ebia obi ne ne yɔnko kɔ kwaeɛ mu kɔto nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dadeɛ no hɔn firi ne dua mu bɔ ne yɔnko ma no wu a, ɛnneɛ ɔnnwane nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnnya nkwa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ ebia, obi ne ne yɔnko bi kɔ wuram sɛ wɔrekobu nnua na sɛ ɛba sɛ ɔbaako him abonnua no sɛ ɔde rebu dua bi na sɛ abonnua no hɔn fi ne dua mu kum ne yɔnko no a, saa onipa no tumi guan kɔ nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ ebia, obi ne ne yɔnko bi kɔ wiram rekɔbu nnua na sɛ ɛba sɛ ɔbaako de abonnua rebu dua bi na sɛ abonnua no hɔn firi ne dua mu kumm ne yɔnko no a, saa asɛm yi mu no, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 sɛ ebia, obi ne ne yɔnko kɔ kwae mu akɔtow nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dade no hɔn fi ne dua mu bɔ ne yɔnko no ma owu a, ɛnne onguan nkɔ nkurow yi biako mu na onnya nkwa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 19:5
7 Iomraidhean Croise  

Na ɔne wɔn sii mu kɔe. Na wɔduruu Yordan ano no, wɔbubuu nnua no.


Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ de ne ho hyɛ mu, na wɔnya asotwe.


na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea ne osuo ano dwanekɔbea, sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu.


Na asafo no nyi onipakumfoɔ no mfiri mogya ho weretɔfoɔ no nsam, na asafo no mfa no nsane nkɔ ne dwanekɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no mu, na ɔnkɔtena hɔ nkɔsi sɛ ɔsɔfo panin a wɔasra no sra ngo kronkron no bɛwuo.


Na onipakumfoɔ a ɔnnwane nkɔ hɔ na ɔnnya nkwa no ho asɛm nie: Deɛ ɔnnim na ɔde adeɛ bɔ ne yɔnko, nanso berɛ a atwam no ɔntane no,


na mogya ho weretɔfoɔ amfa abufuhyeɛ anti onipakumfoɔ no na ɔkwan no wareɛ nti, wankɔto no anku no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa kumfoɔ no wuo, ɛfiri sɛ berɛ a atwam no na ɔntane ne yɔnko no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan