Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 19:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na onipakumfoɔ a ɔnnwane nkɔ hɔ na ɔnnya nkwa no ho asɛm nie: Deɛ ɔnnim na ɔde adeɛ bɔ ne yɔnko, nanso berɛ a atwam no ɔntane no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na onipakumfoɔ a ɔnnwane nkɔ hɔ na ɔnnya nkwa no ho asɛm nie: Deɛ ɔnnim na ɔde adeɛ bɔ ne yɔnko, nanso berɛ a atwam no ɔntane no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ obi anhyɛ da na okum obi a onni ne ho menasepɔw anaa ɔntan no dedaw a, nea ne nsa apa no tumi guan kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ obi anhyɛ da na ɔkum obi a ɔnni ne ho menasepɔ anaa ɔntan no dada a, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na onipakumfo a onguan nkɔ hɔ na onnya nkwa no ho asɛm ni: Nea onnim na ɔbɔ ne yɔnko ade, nanso bere a atwam no ɔntan no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 19:4
12 Iomraidhean Croise  

Na Yakob hunuu Laban anim, na hwɛ, ɛnte no sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.


Na ɔbaa no kaa sɛ: Ma ɔhene nkae AWURADE wo Nyankopɔn, na mogya ho weretɔfoɔ no ansane ankum bio, na wɔankum me ba. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wo ba nwi baako mpo rentɔ fam!


Na kane a na Saulo di hene no, wo ara na wode Israel firii adie na wode wɔn baa mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo ara na wobɛdi me man Israel so bapɔmma.


Wɔfiri teteete na asiesie akyiwadeɛ hyeɛbea no, ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛ, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE home bɛsɔ ano sɛ sɔfe asubɔnten.


Na nkuro no nyɛ dwanekɔbea mma mo mfiri ɔweretɔfoɔ nsam, na onipakumfoɔ no anwu kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo anim na wɔabu no atɛn ansa.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Siesie ɛhɔ kwan no fa, na kyɛ w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu mmiɛnsa, na onipakumfoɔ biara adwane akɔ hɔ.


sɛ ebia obi ne ne yɔnko kɔ kwaeɛ mu kɔto nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dadeɛ no hɔn firi ne dua mu bɔ ne yɔnko ma no wu a, ɛnneɛ ɔnnwane nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnnya nkwa;


na mogya ho weretɔfoɔ amfa abufuhyeɛ anti onipakumfoɔ no na ɔkwan no wareɛ nti, wankɔto no anku no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa kumfoɔ no wuo, ɛfiri sɛ berɛ a atwam no na ɔntane ne yɔnko no.


sɛ onipakumfoɔ a ɔkum ne yɔnko nsapa mu na ɔntane no dada no nnwane nkɔ hɔ, na ɔdwane kɔ nkuro yi baako mu a, wanya nkwa:


nanso monsusu ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na moahunu kwan ko a mobɛfa soɔ, ɛfiri sɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan