Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 18:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na yei nyɛ asɔfoɔ no kyɛfa a ɛfiri ɔman no nsam mfiri wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ no nkyɛn, nantwie oo, odwan oo: Wɔmfa basa ne abɔgyeɛ ne efuro mma ɔsɔfoɔ no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na yei nyɛ asɔfoɔ no kyɛfa a ɛfiri ɔman no nsam mfiri wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ no nkyɛn, nantwie oo, odwan oo: Wɔmfa basa ne abɔgyeɛ ne efuro mma ɔsɔfoɔ no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Eyi ne kyɛfa a asɔfo no benya afi nantwi ne oguan a nnipa no de bɛbɔ afɔre no mu: ne mmati, nʼabogye ne nʼayamde.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yei ne kyɛfa a asɔfoɔ no bɛnya afiri anantwie ne odwan a nnipa no de bɛbɔ afɔdeɛ no mu: nʼabati, nʼapantan ne nʼayamdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na eyi nyɛ asɔfo no kyɛfa a efi ɔman no nsam, mfi wɔn a wɔbɔ afɔre no nkyɛn, nantwi oo, oguan oo: Wɔmfa basa ne abogye ne ofuru mma ɔsɔfo no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 18:3
7 Iomraidhean Croise  

Na ma Aaron ne ne mma asɔfohyɛ dwennini him yan ne mmasoɔ srɛ a wɔahim na wɔama soɔ no nyɛ kronkron,


na ɛnyɛ Aaron ne ne mma dea, daa atorɔmudeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ mmasoɔ afɔdeɛ. Ɛnyɛ mmasoɔ afɔdeɛ a Israelfoɔ de firi wɔn asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu bɔ, wɔn mmasoɔ afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.


Na sɛ owia kɔtɔ a, ne ho te, ɛno akyiri ansa na ɔnni akronkronneɛ no bie, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’aduane.


Na yei nso nyɛ wo deɛ: Wɔn ayɛyɛdeɛ mu mmasoɔ adeɛ, Israelfoɔ him afɔdeɛ nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho teɛ wo fie mu nni bi.


Ngo foforɔ mu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa ne nsa foforɔ ne ayuo mu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa, emu adikan a wɔde ma AWURADE no, wo na wɔde ama woɔ.


Na fa nam ne mogya no bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia so, na wɔnhwie w’afɔdeɛ no mogya ngu n’afɔrebukyia no so, na nam no deɛ, di.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan