Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 18:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 na ɔrennya agyapadeɛ ne nuanom mu; AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na ɔrennya agyapadeɛ ne nuanom mu; AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Israelfo mu de, wɔrennya agyapade biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔrennya agyapade wɔn nuanom mu; AWURADE ne wɔn agyapade, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 18:2
15 Iomraidhean Croise  

Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


AWURADE, me kyɛfa ne wo, maka sɛ mɛdi wo nsɛm so.


AWURADE ne m’agyapadeɛ mu kyɛfa ne me kuruwa, wo na me nkrabea kura wo nsam.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Na mo deɛ, wɔbɛfrɛ mo AWURADE asɔfoɔ, na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo; mobɛdi amanaman ahonyadeɛ, na wɔn adedodoɔ mu na mobɛhoahoa mo ho.


Me kra se: AWURADE ne me kyɛfa, ɛno nti m’ani da ne so ara.


Na deɛ ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ deɛ, mene wɔn agyapadeɛ, na mommma wɔn kyɛfa bi wɔ Israel mu, mene wɔn kyɛfa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wɔn asase no bi na worennie, na worennya kyɛfa biara wɔn mu: Mene wo kyɛfa ne w’agyapadeɛ Israelfoɔ mu.


Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodie no, afɔrebukyia no ho nsɛm nyinaa mu ne ntwamutam no mu deɛ no mu mfa nsom. Mede mo asɔfodie no mama mo sɛ akyɛdeɛ som adwuma; na obi foforɔ biara a ɔpinkyɛ no, wɔnku no.


Enti na Lewi annya kyɛfa ne agyapadeɛ ne nuanom mu. AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.)


Lewi abusuakuo no nko na wamma wɔn agyapadeɛ bie. AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔdeɛ so adeɛ no, ɛno ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.


mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan