Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 13:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 mpene no na ntie no, na mma w’ani nnhu no mmɔbɔ, nanso mma no nnyɛ wo mmɔbɔ na mfa no nhunta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 mpene no na ntie no, na mma w’ani nnhu no mmɔbɔ, nanso mma no nnyɛ wo mmɔbɔ na mfa no nhunta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 mommfa wo ho mma no anaasɛ ntie no. Nhu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 mfa wo ho mma no, anaasɛ ntie no. Nhunu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 mpene no na ntie no, na mma w’aniwa nnhu no mmɔbɔ, nanso nkyɛe no so na nhintaw no so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 13:8
13 Iomraidhean Croise  

Nnya anyame foforɔ nka me ho.


Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ gyegye wo a, mpene!


Enti sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ wode w’atantanneɛ nyinaa, ne w’akyiwadeɛ nyinaa agu me kronkronbea ho fi nti, me nso mɛpra wo, na m’ani renni wo ho adɔna, na me nso merenhunu mmɔbɔ.


amanaman a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɛn woɔ anaasɛ wɔmmɛn woɔ firi asase ano kɔsi asase ano nohoa anyame bi, a,


Mma w’ani nhu no mmɔbɔ, na yi mogya a ɛdi bem ho afobuo firi Israel, na ɛnsi wo yie.


Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;


Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a wɔnni wɔn, afoforɔ a ɛbaa akyire yi na wɔn nananom amfɛre wɔn.


Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma woɔ no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, ɛfiri sɛ ɛno bɛyɛ fidie ama wo.


na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma woku wɔn a, ɛnneɛ sɛe wɔn pasapasa; wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;


Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfiri ahonisom ho.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan