Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 13:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, monku no, ɛfiri sɛ wakasa sɛ mommane mfiri AWURADE mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim asase soɔ na ɔgyee mo firii nkoafie no ho de retwetwe wo afiri ɔkwan a wahyɛ wo sɛ nante mu no so; na tu bɔne no firi wo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, monku no, ɛfiri sɛ wakasa sɛ mommane mfiri AWURADE mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim asase soɔ na ɔgyee mo firii nkoafie no ho de retwetwe wo afiri ɔkwan a wahyɛ wo sɛ nante mu no so; na tu bɔne no firi wo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛsɛ sɛ wokum saa odiyifo anaa ɔdaesofo no, efisɛ ɔkasa tia Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe mo fi ɔkwan a Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛ sɛ momfa so no so. Ɛsɛ sɛ mututu abɔnefo nyinaa fi mo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛsɛ sɛ wɔkum saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, ɛfiri sɛ, ɔkasa tia Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe mo firi ɛkwan a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛ sɛ momfa so no so. Ɛsɛ sɛ motutu abɔnefoɔ nyinaa firi mo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na odiyifo anaa ɔdaesofo no, munkum no, efisɛ wakasa sɛ momman mfi AWURADE mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim asase so na ogyee mo fii nkoafi no ho de retwetwe wo afi ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ nantew mu no so; na tu bɔne no fi wo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 13:5
34 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔne no saneeɛ, na ɔkɔdidii ne fie, na ɔnom nsuo.


Na Elia kaa sɛ: Monkyere Baal adiyifoɔ no, mommma wɔn mu biara mmfiri mu mfi! Na wɔkyeree wɔn na Elia de wɔn siane kɔɔ Kison asuo ho, na ɔkumm wɔn wɔ hɔ.


Na ɔhene no kɔgyinaa ne gyinabea, na ɔyɛɛ apam AWURADE anim sɛ ɔbɛdi AWURADE akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ ayɛ afiri n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so.


Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn deɛ, wɔka sɛ: Afena ne ɛkɔm remma asase yi so, no ho nie: Afena ne ɛkɔm ara na ɛbɛdwerɛ adiyifoɔ no.


sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereba mabɛtwe Nehelamni Semaia ne n’asefoɔ aso, ɔrennya obi a ɔbɛtena ɔman yi mu a, ɔbɛhunu papa a merebɛyɛ me man no, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ waka atuateɛ atia AWURADE.


Me man adane nnwan a wɔayera, wɔn ahwɛfoɔ ama wɔafomfom kwan adanedane kɔ mmepɔ so; wɔafiri bepɔ so kɔ kokoɔ so, wɔn werɛ afiri wɔn daberɛ.


na mmom asɛm yi ho mmara na mehyɛɛ wɔn sɛ: Montie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na monnante me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yie.


Na sɛ obi bɛda so ahyɛ nkɔm a, n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛka akyerɛ no sɛ: Worennya nkwa, ɛfiri sɛ woaka AWURADE din mu atorosɛm. Na ne nkɔmhyɛ no nti na n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛhwire ne mu.


Na osumanni Elima no (nso sɛdeɛ ne din nkyerɛaseɛ teɛ ara ne no) sii wɔn kwan, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔdane amrado no firi gyidie no ho.


Na wɔn a wɔmfra mo mu no, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. Monyi deɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.


na si no aboɔ ma no nwu, ɛfiri sɛ ɔrehwehwɛ atwetwe wo afiri AWURADE wo Nyankopɔn a ɔyii wo Misraim asase soɔ firii nkoafie no ho;


kum na fa nkrantɛ kum kuro no mufoɔ. Fa nkrantɛ sɛe ɛno ne deɛ ɛwom nyinaa ne emu afieboa pasapasa;


Na kum na ku no, wo nsa na ɛnni kan ntɔ ne so sɛ woreku no, na ɛno akyiri no ɔman no nyinaa nsa;


ɛnneɛ fa ɔbarima anaa ɔbaa a wadi saa asɛmmɔne yi firi adi wo kuro apono ho, na si no aboɔ ma ɔnwu.


Adansefoɔ no nsa na ɛngu ne so kane nku no, na ɛno akyiri no ɔman no nyinaa nsa; na yi bɔne no firi wo mu.


Na odiyifoɔ a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka, ne deɛ ɔbɛkasa anyame foforɔ din mu no, odiyifoɔ ko no bɛwu.


ɛnneɛ monyɛ no sɛdeɛ ɔsusuu sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no; na yi bɔne no firi wo mu,


ɛnneɛ wɔnyi ababaa no mmra n’agya fie aboboano, na ne kurom mmarima nsi no aboɔ mma no nwu, ɛfiri sɛ wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu sɛ wabɔ adwaman n’agya fie; na yi bɔne no firi wo mu.


ɛnneɛ momfa wɔn baanu no mfiri adi nkɔ kuro no pono n’akyi, na monsi wɔn aboɔ mma wɔnwuwu, ababaa no, ɛsiane sɛ ɔwɔ kuro mu na wanteam, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere aseɛ nti; na yi bɔne no firi wo mu.


Sɛ wɔhunu obi a ɔwia ne nuanom Israelfoɔ mu nipa bie na ɔdi no nya anaasɛ ɔtɔn no a, ɛnneɛ owifoɔ no nwu; na yi bɔne no firi wo mu.


mennii bi m’awerɛhoɔ mu, na menyii bi berɛ a me ho nteɛ, na memfaa bi memmaa owufoɔ biara. Matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛdeɛ woahyɛ me no nyinaa.


Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;


Ɛfiri sɛ ɔbɛdane wo mma ani afiri m’akyi, na wɔasom anyame foforɔ, na AWURADE bo afu mo, na wasɛe wo ntɛm.


na mmom AWURADE mo Nyankopɔn ho na momfam, sɛdeɛ moayɛ de abɛduru nnɛ yi.


Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.


Na afei monyi mma busufoɔ a wɔwɔ Gibea no mmra na yɛnku wɔn, na yɛnyi bɔne no mfiri Israel. Na Benyaminfoɔ no ampɛ sɛ wɔtie wɔn nuanom Israelfoɔ nne.


Sɛ mosuro AWURADE na mosom no na motie no, na moante AWURADE anomu asɛm so atua na mo ne ɔhene a ɔdi mo soɔ no nyinaa redi AWURADE mo Nyankopɔn akyi a, anka ɛyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan