Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 12:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛeɛ na monsɛe ɔsombea a amanaman a morekɔtu wɔn no som wɔn anyame, mmepɔ atentene so ne nkokoɔ so ne dua mono biara ase no nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sɛeɛ na monsɛe ɔsombea a amanaman a morekɔtu wɔn no som wɔn anyame, mmepɔ atentene so ne nkokoɔ so ne dua mono biara ase no nyinaa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ mutu aman a wɔtete hɔ no fi hɔ a, mosɛe mmeae ahorow bi sɛ mmepɔw atifi, nkoko so, ne nnua a atrɛtrɛw no ase a wɔsom wɔn anyame no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ motu amanaman a wɔtete hɔ no firi hɔ a, ɛsɛ sɛ mosɛe mmeammea a wɔsom wɔn anyame no nyinaa—mmepɔ no atifi, nkokoɔ no atifi ne nnua a ɛyi nhahammono no ase nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔsɛe na monsɛe faako a amanaman a morekotu wɔn no sonsom wɔn anyame hɔ no nyinaa, mmepɔw atenten so ne nkoko so ne dua momono biara ase;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 12:2
22 Iomraidhean Croise  

Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne abosompɔ nkokoɔ sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase fae.


Na ɔman no da so bɔ afɔdeɛ sorɔnsorɔmmea ara, ɛfiri sɛ na wɔnsii dan biara mmaa AWURADE din.


Ɛnna asase no so nkurɔfoɔ nyinaa kɔɔ Baal fie kɔdwirii n’afɔrebukyia ne n’ahoni no, wɔbubuu no pasaa, na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkum no afɔrebukyia no anim. Na ɔsɔfoɔ no de awɛmfoɔ gyinagyinaa AWURADE fie no ho.


Na ɔbobɔɔ afɔdeɛ na ɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea ne nkokoɔ so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.


Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛeɛ bepɔ nifa soɔ a Israelhene Salomo si maa Sidonfoɔ Astoret a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Moabfoɔ Kemos, a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Amon mma Milkom a ɛyɛ atantanneɛ no, ɔhene guu ho fi.


Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea huruu ne bo, na wɔde wɔn ahoni maa no twee ninkunu.


Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛɛ nso, na butuo na butu wɔn, na bubuo na bubu wɔn adum.


Na sɛ wose me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔnbea ne n’afɔrebukyia, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia yi anim na monsɔreɛ no?


berɛ a wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkokoɔ sorɔnsorɔn soɔ no.


Na mefiri teteete na mebubuu wo kɔnnua tetee wo nkyehoma mu, na wokaa sɛ: Merensom! Ɛfiri sɛ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ adwaman.


Hunu w’amumuyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase, na me nne deɛ, moantie, AWURADE asɛm nie.


Ma w’ani so kyerɛ nkokoɔ pataa so, na hwɛ! Ɛhe na wonguu wo ho fi? Akwankyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ ɛserɛ so Arabni, na wode w’adwamammɔ ne wo nnebɔne agu asase no ho fi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me Ɔhene Yosia berɛ so sɛ: Woahunu deɛ ɔkobɔfoɔ Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔ biara a ɛkorɔn so ne dua biara a ayɛ frɔmm ase akɔbɔ adwaman wɔ hɔ.


Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ, na wɔhye aduhwam nkokoɔ so, odum ne duafufuo ne odupɔn ase, ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ. Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.


Na adeɛ kyeeɛ no, Balak faa Bileam, na ɔde no foro kɔɔ Baal sorɔnsorɔmmea so; na ɔfiri hɔ hunuu ɔman no ano.


Na mmom sɛ monyɛ wɔn nie: Monnwiridwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ ngu, na momfa ogya nhye wɔn ahoni.


Na mo nso, mo ne asase yi sofoɔ mmpam apam biara; mommubu wɔn afɔrebukyia! Nanso moantie me nne: Ɛdeɛn na moayɛ yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan