Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 12:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Yeinom ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a monhwɛ nyɛ no asase a AWURADE wo nananom Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no soɔ, nna a mode te asase soɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yeinom ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a monhwɛ nyɛ no asase a AWURADE wo nananom Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no soɔ, nna a mode te asase soɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyinom ne mmara ne ahyɛde a ɛsɛ sɛ mohwɛ na mudi so, mmere dodow a mote asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de ama mo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a ɛsɛ sɛ modi so, ɛberɛ a mote asase a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, de ama mo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Eyinom ne ahyɛde ne atemmude a monhwɛ nyɛ asase a AWURADE w’agyanom Nyankopɔn de ma wo sɛ fa no so, nna a mode te asase so nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 12:1
16 Iomraidhean Croise  

deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa.


Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ na ne nna te sɛ ɔpaani nna?


Mete aseɛ yi, mɛto dwom mama AWURADE, mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyie dwom mama me Nyankopɔn.


O, sɛ wɔtenetene m’akwan, na medi w’ahyɛdeɛ so ɛ!


Mete ase yi, mɛyi AWURADE ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.


Mene AWURADE mo Nyankopɔn, m’ahyɛdeɛ mu na monnanteɛ, na m’atemmudeɛ na monni soɔ na monyɛ,


Enti monhwɛ yie na monyɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa.


Hwɛ yie na wo werɛ amfiri Lewini, nna a wode te w’asase soɔ nyinaa.


Na mehyɛɛ mo saa berɛ no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ monni so, mo akofoɔ nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfoɔ anim;


Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.


Yeinom ne adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a Israelfoɔ firii Misraim baeɛ no, Mose ka kyerɛɛ wɔn


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mereka magu mo aso mu nnɛ yi, na monsua, na monni so nyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan