Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 1:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 monnane mo ho ntu nkɔ Amorifoɔ bepɔ ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba mpaperɛ no so, bepɔ so ne mpaperɛ so ne Negeb ne mpoano nyinaa, Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon so nkɔduru asukɛseɛ, Asubɔntene Eufrate ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 monnane mo ho ntu nkɔ Amorifoɔ bepɔ ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba mpaperɛ no so, bepɔ so ne mpaperɛ so ne Negeb ne mpoano nyinaa, Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon so nkɔduru asukɛseɛ, Asubɔntene Eufrate ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Muntutu nkɔtena Amorifo nkoko no so; monkɔtena nnipa a wɔbemmɛn Araba mmepɔw no mu ne atɔe mmepɔw ayaase hɔ nyinaa mu; monkɔ Negeb na momfa mpoano nkosi Kanaanfo asase so ne Lebanon nkodu Asubɔnten Eufrate ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Montutu nkɔtena Amorifoɔ nkokoɔ so; monkɔtena nnipa a wɔbemmɛn Araba mmepɔ no mu ne atɔeɛ mmepɔ ayaase nyinaa mu; monkɔ Negeb na momfa mpoano nkɔsi Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon nkɔduru Asubɔnten Eufrate ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Bepɔw yi ho tena adɔɔ mo so; monnan mo ho ntu nkɔ Amorifo bepɔw ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba tataw so no so, bepɔw so ne tataw so ne nifa fam ne mpoano nyinaa, Kanaanfo asase so ne Lebanon so nkodu asu kɛse, asubɔnten Eufrate, ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 1:7
19 Iomraidhean Croise  

Na Abram dii atutena ara kɔɔ Negeb.


Dawid kaa Sobahene Rehob ba Hadadeser nso gui, ɛberɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrema ne tumi akɔso Asubɔntene Eufrate ho no mu.


Na Dawid dii Hadadeser, Soba a ɛhwɛ Hamat no hene so berɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsi nkaeɛ dum wɔ Eufrate asubɔnten no.


Na anantwie a wɔyɛne wɔn Saron no so na Saronni Sitrai die, na mmonhwa no mu anantwie so na Adlai ba Safat die.


Na apueeɛ fam nso ɔtena de kɔsii anwea pradada so a ɛfiri Eufrate asubɔnten ano; na wɔn mmoakuo dɔɔso Gilead asase so.


Na mɛtwa w’ahyeɛ afiri Mmɛwa Po ano akɔsi Filistifoɔ po ano, na afiri ɛserɛ so akɔsi asuo no ano; na mɛyi asase no sofoɔ mahyɛ mo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.


Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase nhini no.


Na Israelfoɔ no tutuu wɔn nsraban sii mu firii Sinai serɛ so, na mununkum no kɔgyinaa Paran serɛ so.


Na yɛtu firii Horeb, na yɛnante faa ɛserɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu a mohunuiɛ nyinaa so, Amorifoɔ bepɔ kwan so, sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yɛduruu Kades-barnea.


na asase a moretwam akɔ so akɔfa no yɛ mmepɔ ne mmonhwa asase a ɛnom ɔsoro nsuo,


Baabiara a mo nan bɛtia no bɛyɛ mo deɛ, ɛfiri ɛserɛ so ne Lebanon, ɛfiri Asubɔntene Eufrate ho, kɔsi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase.


ɛfiri serɛ no so ne Lebanon yi ho de kɔsi asu kɛseɛ no, Asubɔntene Eufrate ano, Hetifoɔ asase nyinaa de kɔsi ɛpo kɛseɛ no ano wɔ deɛ owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hyeɛ.


Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔ no ne Negeb ne ɛpo ho mpaperɛ so ne mmepɔ ase ne wɔn ahemfo nyinaa; wannya odwanefoɔ biara, na adeɛ biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasapasa, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛeɛ no.


Na sɛ ɛnyɛ wɔ mo ani so sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE.


Na ahemfo a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔ so nyinaa ne Sefela mpaperɛ so ne ɛpo kɛseɛ no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentensoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no teeɛ no,


a ɛka kyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔwɔ totorobɛnto no sɛ: Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan