Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




5 Mose 1:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 AWURADE mo nananom Nyankopɔn mfa no sɛdeɛ moteɛ yi mmɔho apem nka mo ho, na ɔnhyira mo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 AWURADE mo nananom Nyankopɔn mfa no sɛdeɛ moteɛ yi mmɔho apem nka mo ho, na ɔnhyira mo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Awurade mo agyanom Nyankopɔn mma mo nnɔ mmɔho mpempem na onhyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Awurade mo agyanom Onyankopɔn mma mo nnɔre mmɔho mpempem na ɔnhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 AWURADE mo agyanom Nyankopɔn mfa sɛ mote yi mmɔho apem nka mo ho, na onhyira mo sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




5 Mose 1:11
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔde no firii adi kaa sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wobɛtumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no.


Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so.


Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,


Ɛfiri w’agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na ɛfiri Tweaduampɔn hɔ, ɔnhyira wo. Ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ mu nhyira, ne nufoɔ ne yafunu mu nhyira nhyira wo.


Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi?


Na Yoab kaa sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛdeɛ wɔteɛ yi mprɛha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Adɛn nti na me wura rehwehwɛ yei? Adɛn nti na yei nyɛ asodie mma Israel?


AWURADE bɛma mo adɔɔso, mo ne mo mma.


Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.


Meyɛɛ wo dodoɔ pɛnhunuano sɛ wiram mfefɛeɛ, na wodɔre yɛɛ kɛseɛ, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fui; nanso na woda adagya, nam kwaterekwa.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne wɔn nnkɔ; nkɔdome ɔman no, na wɔahyira wɔn.


Na wɔmfa me din nto Israelfoɔ so, na me deɛ, mɛhyira wɔn.


AWURADE mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, ɛnnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma;


Ɛbɛyɛ dɛn na me nko ara mɛtumi masoa mo ne mo aperedie ho adesoa duruduro yi?


Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo nananom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire no.


Akra aduɔson na wo nananom de siane kɔɔ Misraim, afei AWURADE wo Nyankopɔn ayɛ wo dodoɔ sɛ ɔsoro nsoromma.


Na mobɛka nnipa kakraa bi, nanso kane no na mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma, ɛfiri sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan