4 Mose 8:4 - New Revised Asante Twi Bible4 Na yei ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaborɔ; ɛfiri n’ase kɔsi ne nhwiren soɔ, ɛyɛ sika a wɔaborɔ ara nko; sɛ nhwɛsoɔ a AWURADE maa Mose hwɛeɛ no teɛ no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron4 Na yei ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaborɔ; ɛfiri n’ase kɔsi ne nhwiren soɔ, ɛyɛ sika a wɔaborɔ ara nko; sɛ nhwɛsoɔ a AWURADE maa Mose hwɛeɛ no teɛ no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm4 Sɛnea Wosi yɛɛ kaneadua no ni: Sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛ fii nʼase kosi ne soro. Wɔyɛɛ no sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no ara pɛ. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm4 Kaneadua no ne nhwiren a wɔde asiesie nʼase ne ne mman no nyinaa, sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛeɛ. Wɔyɛɛ no sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON4 Na eyi ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaboro; efi n'ase kosi ne nhwiren so, ɛyɛ sika a wɔaboro ara nko; sɛ nhwɛso a AWURADE de kyerɛɛ Mose no te no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no. Faic an caibideil |