Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 8:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Lewifoɔ no mfa wɔn nsa ngu anantwie no atifi, na fa baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ, na fa baako nso bɔ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, na pata ma Lewifoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Lewifoɔ no mfa wɔn nsa ngu anantwie no atifi, na fa baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ, na fa baako nso bɔ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, na pata ma Lewifoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Afei, Lewifo mpanyimfo no de wɔn nsa begu nantwimma no apampam na wɔde wɔn ama Awurade. Wɔde ɔbaako bɛbɔ bɔne ho afɔre na wɔde ɔbaako nso abɔ ɔhyew afɔre de ayɛ mpata ama Lewifo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Afei, Lewifoɔ mpanimfoɔ no de wɔn nsa bɛgu nantwie mma no apampam na wɔde wɔn ama Awurade. Wɔde baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na wɔde baako nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ de ayɛ mpatadeɛ ama Lewifoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Lewifo no mfa wɔn nsa ngu anantwi no atifi, na fa biako bɔ bɔne ho afɔre, na fa biako nso bɔ AWURADE hyew afɔre, na pata ma Lewifo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 8:12
25 Iomraidhean Croise  

Na ma wɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no anim, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu nantwie no atifi.


Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyeɛ afɔdeɛ no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.


ne anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a ne nsa bɛso soɔ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;


Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra mfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no.


Na Aaron mfa ne nsa mmienu ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfoɔ no mfomsoɔ nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ no ɔmfa ngu ɔpapo no atifi, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkɔgyaa no mma no nkɔ ɛserɛ so,


Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra, na ɔmfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie.


Na asafo no mu mpanimfoɔ mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wɔnkum nantwie no, AWURADE anim.


Na sɛdeɛ ɔyɛɛ bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, saa ara na wɔnyɛ yei nso; na ɔsɔfoɔ no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn.


Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa, sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ adwammaa ho sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, na ɔmfa ne nsa nto n’atifi, na ɔnku no, AWURADE anim.


Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na ɔmaa wɔde bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu bɔne afɔdeɛ nantwinini no atifi.


Na Mose kumm no, na ɔde ne nsateaa kaa mogya no bi kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho hyiae, na ɔyii afɔrebukyia no ho bɔne, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase de dwiraa sɛ ɔde repata so.


Na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ dwennini no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no atifi.


Sɛdeɛ wɔreyɛ no nnɛ da yi no, AWURADE na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ mfa mpata mma mo.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Twe pini afɔrebukyia no ho, na bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ ne wo bɔne ho afɔdeɛ, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛdeɛ bra, na pata ma wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.


na ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE; odwanten ba a wadi afe a ɔdi mu baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne odwammereɛ baako a wadi afe a ɔdi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini baako a ɔdi mu mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ;


Na ɔsɔfoɔ no mfa mmra AWURADE anim, na ɔmmɔ ne bɔne ne ne hyeɛ afɔdeɛ.


Na fa Lewifoɔ no gyina Aaron ne ne mma no anim, na him wɔn yɛ ohim afɔdeɛ ma AWURADE.


Na wɔmfa nantwinini ne ɛho aduane afɔdeɛ esiam a wɔde ngo afɔre; na fa nantwinini foforɔ nso a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ.


Ampa ara, wɔde mogya na ɛte nnoɔma nyinaa ho, sɛdeɛ mmara no teɛ, na mogya angu a, bɔne fakyɛ nni hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan