Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 7:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na mmapɔmma no de afɔrebukyia no adwiradeɛ bae, da a wɔsraa no ngo no; na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa afɔrebukyia no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na mmapɔmma no de afɔrebukyia no adwiradeɛ bae, da a wɔsraa no ngo no; na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa afɔrebukyia no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mpanyimfo a wodi anim no nso de nsrabɔ akyɛde beguu afɔremuka no anim da a wɔresra afɔremuka no ngo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛda no, mpanimfoɔ a wɔdi anim no nso de atenaseɛbɔ akyɛdeɛ bɛguu afɔrebukyia no anim da a wɔresra afɔrebukyia no ngo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na mmapɔmma no de afɔremuka no adwirade bae, da a wɔsraa ho ngo no; na wɔde wɔn ayɛyɛde baa afɔremuka no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 7:10
12 Iomraidhean Croise  

Na Salomo de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ha aduonu bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na saa na ɔhene ne Israelfoɔ nyinaa dwiraa AWURADE fie.


Na Ɔhene Salomo de anantwie mpemaduonu mmienu ne nnwan mpemha aduonu bɔɔ okum afɔdeɛ, na ɔhene ne ɔman no nyinaa dwiraa Nyankopɔn fie no ho.


Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, na afɔrebukyia no dwira, wɔdii no nnanson, ne nnapɔnna no nso, nnanson.


Na wɔrebɛdwira Yerusalem fasuo no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no firi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuro, mmɛnta ne asankuten adi odwiratwa no anigyeɛ mu.


Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri.


Mɛma wo so, AWURADE, ɛfiri sɛ woayi me, na woamma m’atamfoɔ ani annye, me nti.


Na Mose wiee tenabea no sie, na ɔsraa ho ngo, na ɔyɛɛ no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa kronkron, na ɔsraa ho ngo na ɔyɛɛ ho kronkron no,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mmapɔmma no mfa wɔn afɔrebukyia dwira ho ayɛyɛdeɛ mmra mmaako mmaako, obiara ne ne da.


Yei ne adwiradeɛ a ɛda a wɔsraa afɔrebukyia ho ngo no Israel mmapɔmma no de baeɛ: Dwetɛ nyowa dummienu, dwetɛ nkoraa dummienu, sika nyowaa dummienu.


na asomdwoeɛ afɔdeɛ anantwie no nyinaa yɛ anantwinini aduonu nnan, adwennini aduosia, mpapo aduosia, nnwanten mma a wɔadi afe afe aduosia. Yei ne afɔrebukyia no sra akyiri adwiradeɛ.


Na ahwɛfoɔ no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforɔ na ɔmmuee ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ankɔbue ɛdan no ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan