Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 5:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na sɛ onipa no awu na ɔnni busuani a ɔbɛn no bi ara a wɔde asodideɛ no bɛma no a, wɔmfa asodideɛ a ɛyɛ AWURADE dea no, wɔmfa mma ɔsɔfoɔ no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na sɛ onipa no awu na ɔnni busuani a ɔbɛn no bi a wɔde asodideɛ no bɛma no a, wɔmfa asodideɛ a ɛyɛ AWURADE dea no, wɔmfa mma ɔsɔfoɔ no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na sɛ onipa ko a wɔyɛɛ no bɔne no awu na onni obusuani biara a ɔbɛn no a wobetua ho ka ama no, na ɛsɛ sɛ wotua ma ɔsɔfo a, ɛsɛ sɛ wɔde odwennini ka ho sɛ mpatade. Ɛyɛ Awurade de.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na sɛ onipa ko a ɔyɛɛ no bɔne no awu na ɔnni obusuani biara a ɔbɛn no a wɔbɛtua ho ka ama no no a, ɛsɛ sɛ, sɛ ɔtua ka no ma ɔsɔfoɔ a, odwennini ka ho sɛ mpatadeɛ. Ɛyɛ Awurade dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ onipa no awu na onni obusuani a ɔbɛn no bi a wɔde asodide no bɛma no a, asodide no yɛ AWURADE dea, na wɔmfa mma ɔsɔfo no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 5:8
8 Iomraidhean Croise  

Asodie afɔdeɛ sika ne bɔne ho afɔdeɛ sika deɛ, wɔamfa amma AWURADE fie; ɛyɛ asɔfoɔ no dea.


Na deɛ wayɛ ɛho bɔne, akronkronneɛ mu no, ɔnsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


anaa adeɛ biara a ɔkaa ɛho ntanhunu no nsane mmra, ɔmfa ne nyinaa mmra, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako mpae so mma ɔdenadeɛ no, n’asodie ho afɔrebɔ da no ara;


Sɛ bɔne ho afɔdeɛ teɛ no, sɛ asodie ho afɔdeɛ nso teɛ ne no, mmara korɔ na ɛda ho; ɔsɔfoɔ a ɔde pata no, ɛnyɛ ne dea.


ɔmpae mu nka wɔn bɔne a wɔayɛ no, na ɔntua n’asodideɛ no abotene mfa abupɛn nnum mu baako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.


Na mmasoɔ adeɛ biara Israelfoɔ no akronkronneɛ a wɔde brɛ ɔsɔfoɔ no nyinaa, nyɛ ne deɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan