Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 5:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 ɔmpae mu nka wɔn bɔne a wɔayɛ no, na ɔntua n’asodideɛ no abotene mfa abupɛn nnum mu baako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 ɔmpae mu nka wɔn bɔne a wɔayɛ no, na ɔntua n’asodideɛ no abotene mfa abupɛn nnum mu baako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na ade a owiae no, otua ho ka nyinaa na ɔsan de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔn no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na adeɛ a ɔwiaeɛ no, ɔtua ho ka nyinaa na ɔsane de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔno no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 ɔmpae mu nka ne bɔne a wayɛ no, na ontua n'asodide no aboten mfa abupɛn anum mu biako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 5:7
14 Iomraidhean Croise  

Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumuyɛ so. Mekaa sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Wo na wode me bɔne so mmusuo kyɛeɛ.


Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɔrenyɛ prɔmprɔm, na deɛ ɔka na ɔgyaeɛ no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.


Ɛno na wɔbɛka wɔn amumuyɛ ne wɔn agyanom amumuyɛ no; — sɛ, nkontompo a wɔtwaa me ne asie a wɔne me diiɛ nti,


me nso mene wɔn dii asie, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfoɔ asase so; — na sɛ afei wɔn akoma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumuyɛ ho asotwe no so a,


Sɛ obi anhyɛ da yɛ bɔne a ɛyɛ kusumdie wɔ AWURADE akronkronneɛ ho a, ɛnneɛ, n’asodie afɔdeɛ a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, dwetɛ nnwetɛbena mu, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ.


Na deɛ wayɛ ɛho bɔne, akronkronneɛ mu no, ɔnsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


na afei sɛ ɔdi adeɛ yi mu biara ho so a, ɔnka deɛ wayɛ mu bɔne no,


Sɛ bɔne ho afɔdeɛ teɛ no, sɛ asodie ho afɔdeɛ nso teɛ ne no, mmara korɔ na ɛda ho; ɔsɔfoɔ a ɔde pata no, ɛnyɛ ne dea.


Na sɛ onipa no awu na ɔnni busuani a ɔbɛn no bi ara a wɔde asodideɛ no bɛma no a, wɔmfa asodideɛ a ɛyɛ AWURADE dea no, wɔmfa mma ɔsɔfoɔ no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho.


Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka.


Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa animuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Nsi me so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan