Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 5:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Hyɛ Israelfoɔ no na wɔntu akwatafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔn ho sene gu nyinaa ne obiara a ɔde efunu agu ne ho fi no mfiri nsraban no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Hyɛ Israelfoɔ no na wɔntu akwatafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔn ho sene gu nyinaa ne obiara a ɔde efunu agu ne ho fi no mfiri nsraban no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafo nyinaa fi atenae hɔ. Wɔn a kuru atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka funu nti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafoɔ nyinaa firi atenaeɛ hɔ. Wɔn a ekuro atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka efunu enti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Hyɛ Israelfo na wontu akwatafo nyinaa ne wɔn a wɔn ho sen gu nyinaa ne obiara a ɔde funu agu ne ho fi no mfi nsra no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 5:2
15 Iomraidhean Croise  

Na mmarima akwatafoɔ baanan wɔ kuro no pono ano, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Adɛn na yɛtete ha kɔsi sɛ yɛbɛwuwuo?


Na ɔkwatani a yadeɛ no wɔ ne ho nsunsuane ne ntadeɛ mu, na ɔmpɛsɛ ne ti, na ɔnkata ne soro anofafa, na ɔnteam sɛ: Me ho nte, me ho nte!


Nna dodoɔ a yadeɛ no wɔ ne ho no, teɛ na ne ho nteɛ; ɔno nko na ɔntena, nsraban no akyi na ɔntena.


na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, ntwintwameeɛ no ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata.


Na deɛ wɔate ne ho no nsi ne ntadeɛ na ɔnyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsuo nnware na ne ho ate; na ɛno akyiri no ɔmmra nsraban no mu, nanso ɔntena ne ntomadan akyi nnanson.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron mma asɔfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo mu biara nngu ne ho fi efunu bi ho ne man mu,


Na obiara a ɔmmrɛ ne ho ase da no no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Na mununkum no firii ntomadan no soɔ, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛmma. Na Aaron danee ne ho hwɛɛ Miriam no, hwɛ, na wayare kwata.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n’agya hinam n’ani so ntasuo kɛkɛ mpo a, anka n’ani renwu nnanson anaa? Wɔnto no mu nnanson nsraban no akyi, na ɛno akyiri ansa na wɔmfa no mmra mu bio.


Na mo ara nso, mommɔ nsraban ntena mu nsraban no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obie ne obiara a waka ɔtɔfoɔ no, monnwira mo ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, mo ne mo nnommum no.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan