Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 4:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na sɛ nsraban no rebɛtu a, Aaron ne ne mma mmra mmɛyi ntwamutam no, na wɔmfa nkata adanseɛ adaka no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na sɛ nsraban no rebɛtu a, Aaron ne ne mma mmra mmɛyi ntwamutam no, na wɔmfa nkata adanseɛ adaka no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ wɔretu afi atenae hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wobedi kan akɔ Ahyiae Ntamadan no mu akɔfa nkataanim no de akata adaka no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ wɔretu afiri atenaeɛ hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wɔbɛdi ɛkan akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu akɔfa nkatanimu no de akata adaka no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na sɛ nsra no rebetu a, Aaron ne ne mma mmra mmeyi ntwamu mmɔhɔɔ no, na wɔmfa nkata adanse adaka no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 4:5
23 Iomraidhean Croise  

Na Lewifoɔ mma no soaa Nyankopɔn adaka no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no. Wɔde ɛho mpoma no totoo wɔn kɔn ho.


Na Lewifoɔ no nso ansoa ntomadan no ne ne som ho nnoɔma no biara bio,


Na ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera yɛɛ ntwamutam, na ɔyeyɛɛ mu kerubim.


Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛɛ ntwamutam; ɔyɛɛ no ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu.


Na fa adanseɛ adaka no si mu, na fa ntwamutam no kata adaka no ani.


Na fa sika aduhwamhyeɛ bukyia no kɔsi adanseɛ adaka no anim; na fa tenabea no ano nkataano no sɛne hɔ.


Na bepɔ yi so na ɔbɛyi anim ntoma a ɛkataa aman nyinaa anim, ne akatasoɔ a ɛkataa amanaman nyinaa soɔ no.


na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔnnhyɛne kronkronbea hɔ nnkɔ ntwamutam no akyi mpata adwa a ɛwɔ adaka no soɔ no anim berɛ nyinaa mu, na wanwu, ɛfiri sɛ mununkum no mu na meyi me ho mekyerɛ, mpata adwa no so.


Na Yuda mma nsraban frankaa no tuu kane, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Aminadab ba Nahason die;


Na nsraban no rebɛtu na Aaron ne ne mma no wie akronkronneɛ no ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma nhyɛne mu nkɔma soɔ, na wɔanka akronkronneɛ no amma wɔanwuwu. Yei ne Kohat mma no adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.


Yei ne Kohat mma no ahyiaeɛ ntomadan no mu som adwuma: Akronkronneɛ mu ade kronkron no.


na Kohat mma deɛ, wamma wɔn bi, ɛfiri sɛ wɔn adwuma ne sɛ wɔsoa kronkronbea ho nnoɔma no wɔn mmatiri soɔ.


Na hwɛ, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu tee mmienu firi soro de bɛsii fam, na asase wosoe, na abotan paepaeɛ.


Na Mose twerɛɛ mmara yi, na ɔde maa asɔfoɔ no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanimfoɔ nyinaa.


ɛsiane ɔkwan a wɔsiesie ama yɛn, ɔkwan foforɔ a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu,


Na ntwamutam a ɛtɔ so mmienu no mu wɔ ntomadan a wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron.


Na ɔkumm Bet-semesfoɔ no mu bi sɛ wɔahwɛ AWURADE adaka no mu, na ɔkumm ɔman no mu nnipa aduɔson ne nnipa mpem aduonum. Na ɔman no dii abooboo sɛ AWURADE de ekum kɛseɛ akum ɔman no mu nnipa bie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan