Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 30:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na sɛ ɔbaa bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi berɛ a ɔda so wɔ n’agya fie, ne mmabaaberɛ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na sɛ ɔbaa bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi berɛ a ɔda so wɔ n’agya fie, ne mmabaaberɛ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Sɛ ababaa bi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ bere a ɔda so te nʼagya fi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Sɛ ababaawa bi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ ɛberɛ a ɔda so te nʼagya fie,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na sɛ ɔbea bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi n'agya fi, wɔ ne mmabaabere mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 30:3
10 Iomraidhean Croise  

Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.


Bɔ aseda afɔdeɛ ma Onyankopɔn, na tua w’aboadeɛ ma deɛ ɔwɔ ɔsorosoro no;


Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ obi hyɛ bɔ titire bi a, nnipa deɛ, wɔnyɛ AWURADE deɛ, sɛdeɛ wobɛbɔ wɔn boɔ.


Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra adeɛ bi a, ɔmmmu n’asɛm so; deɛ ɛfiri n’anomu nyinaa, ɔnyɛ.


na n’agya te ne bɔhyɛ no ne n’ahotua a ɔde tua ne kra biribie no, na n’agya anka ho biribi a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ ne n’ahotua a ɔde tuaa ne kra biribie no gyina hɔ.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafoɔ mu hyɛ bɔ sɛ ɔbɛtua ne ho adeɛ de ne ho ama AWURADE a,


Momma mmaa mmua wɔn ano asafo mu; na wɔmmma wɔn ho kwan sɛ wɔnkasa, na mmom wɔmmrɛ wɔn ho ase sɛdeɛ mmara no nso ka no.


Na Israelfoɔ no anku wɔn, ɛfiri sɛ asafo no mu mmapɔmma akeka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn no ntam. Na asafo no nyinaa nwiinwii tiaa mmapɔmma no.


Na ɔhunuu no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ao, me ba! Woabrɛ me ase papaapa, na woaho me werɛ! Ɛfiri sɛ, mabue m’ano mama AWURADE, na mentumi mensane m’akyi.


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan