Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 30:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra adeɛ bi a, ɔmmmu n’asɛm so; deɛ ɛfiri n’anomu nyinaa, ɔnyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra adeɛ bi a, ɔmmmu n’asɛm so; deɛ ɛfiri n’anomu nyinaa, ɔnyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ obi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ a, ɛnsɛ sɛ obu so. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔkaa se ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 sɛ obi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ no, ɛnsɛ sɛ ɔbu so. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra ade bi a, ommmu n'asɛm so; nea efi n'anom nyinaa, ɔnyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 30:2
36 Iomraidhean Croise  

Wobɛsrɛ no, na watie wo, na w’aboadeɛ ka no, woatua.


Mede m’aboadeɛ bɛma AWURADE, ne man nyinaa anim.


Mede m’aboadeɛ bɛma AWURADE, ne man nyinaa anim,


Maka ntam, na mɛma no agyina, sɛ mɛdi wo tenenee atemmudeɛ so.


Ɔmfa ne tɛkyerɛma nni nsekuro, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfoɔ ahohora.


Wo na woma meyi wo ayɛ asafo kɛseɛ mu, mɛma m’aboadeɛ wɔ, wɔn a wɔsuro no no anim.


Bɔ aseda afɔdeɛ ma Onyankopɔn, na tua w’aboadeɛ ma deɛ ɔwɔ ɔsorosoro no;


Ɔtene ne nsa ne nnamfonom so, wabu n’apam so.


Onyankopɔn, w’aboadeɛ wɔ me hɔ, mɛbɔ aseda afɔdeɛ mama wo.


Monhyɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, bɔ, na momfa mma no. Ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ deɛ ne ho yɛ hu no.


Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.


Ɛyɛ fidie ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron, na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu.


Sɛ asɛnhunu firi onipa anomu anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi na ɔnnim mpo a, sɛ akyire n’ani ba ne ho so a, ɔdi adeɛ yi mu biara ho so;


Hwɛ, mmepɔ so na asɛmpakafoɔ nan wɔ, wɔreka asomdwoeɛsɛm! Yuda, di wo nnapɔnna, ma w’aboadeɛ, na ohuhuni no remfa wo mu bio, wɔatwa no atwene koraa.


Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkuro pasapasa.


Na sɛ ne kunu fie na ɔhyɛ bɔ anaasɛ ɔde ntam tua ne kra biribi,


Monkyekyere nkuro mma mo mma na monnyegye ban mma mo nnwan, na deɛ afiri mo anomu no, monyɛ.


Monnue, mo kwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika kɔkɔɔ deɛ a, ɛkyekyere no.


Na obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu soɔ no ntam deɛ a, ɛkyekyere no.


Na adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.


Na wɔbaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛakeka yɛn ho ntam sɛ hwee renka yɛn ano, gye sɛ yɛakum Paulo ansa.


Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛ no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.


Na me deɛ, mefrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnni me kra adanseɛ sɛ, mempɛ sɛ mebɛho mo werɛ nti na mamma Korinto bio no.


Ɛnna Yefta ne Gilead mpanimfoɔ no sii mu baeɛ, na ɔman no de no sii wɔn ti ne ɔsafohene. Na Yefta kɔkaa ne nsɛm nyinaa AWURADE anim wɔ Mispa.


Na abosome mmienu no duruiɛ no, ɔsane baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ; na wanhunu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atorɔmudeɛ Israel mu:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan