Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 3:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afiri Israelfoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afiri Israelfoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Fa Lewifo no ma Aaron ne ne mmabarima; wɔn ne Israelfo a wɔde wɔn bɛma no korakora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mmammarima; wɔn ne Israelfoɔ a wɔde wɔn bɛma no korakora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na fa Lewifo no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afi Israelfo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 3:9
15 Iomraidhean Croise  

Afei Dawid kaa sɛ obiara nnsoa Nyankopɔn adaka no sɛ Lewifoɔ no ara nko, na wɔn na AWURADE ayi wɔn sɛ wɔnsoa Nyankopɔn adaka no, na wɔnsom no daa.


Na yeinom ne wɔn a wɔgyinaa hɔ ne wɔn mma no: Kehat mma no mu: Ɔdwontoni Heman, Yoel ba, Samuel ba,


Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma,


Na wɔde asɔfoɔ no sisii wɔn akuakuo so, ne Lewifoɔ no, wɔn nkyekyɛmu so maa Nyankopɔn som Yerusalem, sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no Mose nwoma no mu no.


ne nsɔfokwaa a Dawid ne mmapɔmma no de wɔn maa Lewifoɔ som no, nsɔfokwaa ahanu aduonu, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din.


Ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no ate mo afiri Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho na moayɛ AWURADE tenabea no ho adwuma, na moagyina asafo no anim asom wɔn?


Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuo, w’agya abusuakuo no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanseɛ ntomadan no anim,


na wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nnoɔma nyinaa so nyɛ Israelfoɔ nnwuma mma wɔn, tenabea no ho som mu.


Na te Lewifoɔ no firi Israelfoɔ mu, na Lewifoɔ no mmɛyɛ me dea.


ɛfiri sɛ wɔn na mayi wɔn afiri Israelfoɔ mu; mede wɔn masi adeɛ a ɛbue yafunu ano nyinaa, Israelfoɔ mu mmakan nyinaa, ananmu mafa.


Na mafa Lewifoɔ no asi Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu.


Na mede Lewifoɔ no mama Aaron ne ne mma sɛ akyɛdeɛ afiri Israelfoɔ mu sɛ wɔnyɛ Israelfoɔ no adwuma, ahyiaeɛ ntomadan no mu na wɔmpata mma Israelfoɔ no, na Israelfoɔ no rebɛn kronkronbea hɔ a, ɔhaw biara amma wɔn so.


Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafoɔ, ebinom adiyifoɔ, ebinom asɛmpakafoɔ, ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,


Enti ɔse: Ɔforo kɔɔ soro no, ɔde nnommum pii a ɔfaeɛ no kɔe, na ɔde akyɛdeɛ maa nnipa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan