Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiaeɛ ntomadan no anim, tenabea no ho som mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiaeɛ ntomadan no anim, tenabea no ho som mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ama ɔsɔfo Aaron ne nnipa no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ama ɔsɔfoɔ Aaron ne nnipa no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiae ntamadan no anim, tenabea no ho som mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 3:7
13 Iomraidhean Croise  

Na Ahia a ɔyɛ Lewifoɔ no mu bi di Nyankopɔn fie akoradeɛ ne akronkronneɛ akoradeɛ no so:


Yehieli mma, Setam ne ne nua Yoel, hwɛɛ AWURADE fie akoradeɛ no so.


Ɔno Selomot ne ne nuanom di akronkronneɛ a Dawid a ɔyɛ ɔhene no ne agyanom atitire, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akoradeɛ nyinaa so,


Na montena ahyiaeɛ ntomadan no ano awia ne anadwo nnanson, na monwɛn sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no, na moanwuwu, na saa na wɔahyɛ me.


na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanseɛ tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne adeɛ biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔnkyere wɔn nsraban nhyia.


Na Lewifoɔ no deɛ, wɔmmɔ adanseɛ tenabea no ho nsraban nhyia, na AWURADE abufuo amma Israelfoɔ asafo no so. Na Lewifoɔ no nkura adanseɛ tenabea no so hwɛ mu.


Na Lewi mmapɔmma mu panin ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, ɔne wɔn a wɔkura kronkronbea mu no so no mu panin.


na wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nnoɔma nyinaa so nyɛ Israelfoɔ nnwuma mma wɔn, tenabea no ho som mu.


Na Israelfoɔ fa no mu deɛ, gye nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan ne afieboa nyinaa mu, aduonum aduonum mu mmaako mmaako, na fa ma Lewifoɔ a wɔkura AWURADE tenabea ho adwuma no.


na Aaron nhim Lewifoɔ no, AWURADE anim, sɛ ohim afɔdeɛ a ɛfiri Israelfoɔ no nsam, na wɔntena ase nyɛ AWURADE som adwuma.


Ɛno akyiri ansa na Lewifoɔ no mmra mmɛsom ahyiaeɛ ntomadan no ho. Na te wɔn ho, na him wɔn yɛ ohim afɔdeɛ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan