Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 3:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Yeinom ne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnni asɔfoɔ no din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Yeinom ne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnni asɔfoɔ no din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Eyinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yeinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Eyinom ne Aaron mma, asɔfo a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wonni asɔfo no din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 3:3
10 Iomraidhean Croise  

Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sɛdeɛ Lewi mma no teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.


Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfoɔ na dwira wɔn, na wɔnni me sɔfoɔ.


Na fa ntade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo yɛ no kronkron, na ɔnni me sɔfoɔ.


na sra wɔn ngo, sɛdeɛ wosraa wɔn agya no, na wɔnni me asɔfoɔ, na wɔn sra no nyɛ wɔn daa asɔfodie, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Na ɔhwiee sra ngo no bi guu Aaron atifi sraa no ngo de yɛɛ no kronkron.


Na Mose faa sra ngo no bi ne afɔrebukyia no so mogya no bi de petee Aaron ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ nyinaa so de dwiraa Aaron ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ no.


Na Nadab ne Abihu wuwuu AWURADE anim, sɛ wɔde anana gya bi kɔɔ AWURADE anim Sinai serɛ soɔ no, na wɔannya mma; na Eleasa ne Itamar dii asɔfoɔ wɔn agya Aaron anim.


Na mmara no deɛ, ɛhyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛ asɔfoɔ mpanin, nanso mmara no akyiri ntanka asɛm no hyɛ ɔba a wawie pɛyɛ daa no sɔfo panin.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan