Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Aaron mmabarima din na edidi so yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasar ne Itamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na yeinom ne Aaron ne Mose abusua. Aaron mmammarima edin na ɛdidi soɔ yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na eyinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, ne Abihu, Eleasar ne Itamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 3:2
8 Iomraidhean Croise  

Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar.


Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasa ne Itamar bɛdii asɔfoɔ.


Na Amram mma ne: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mma ne: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.


Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnyɛ me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.


Na Aaron faa Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nua waree, na ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar maa no.


Na Aaron mma Nadab ne Abihu fefaa wɔn gyasɔ adeɛ, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim.


Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔdeɛ mu aduane a ɛkaeɛ no, na monni no apiti, afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


Na Aaron nso, wɔwoo Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar maa no;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan