Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 3:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Enti Mose kan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Enti Mose kanee wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛnea ɔhyɛɛ no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 3:16
11 Iomraidhean Croise  

Na Israel mma no yɛɛ saa. Na Yosef maa wɔn nteaseɛnam sɛdeɛ Farao anomu asɛm seɛ, na ɔmaa wɔn akwansoduane.


Kan Lewi mma no sɛdeɛ wɔn mpanimfie ne wɔn mmusua teɛ, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, kan wɔn.


Na yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn din teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.


Lewifoɔ a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa yɛ mpemaduonu mmienu.


Na Mose nam AWURADE asɛm so de wɔn a wɔagye wɔn no tiri dwetɛ no maa Aaron ne ne mma, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Aaron ne ne mma asɛm so na Gersonfoɔ mma no nyɛ wɔn adwuma nyinaa, wɔn asɛdeɛ nyinaa ne wɔn adwuma no nyinaa fam; na momfa wɔn nnwuma nyinaa nhyɛ wɔn nsa na wɔnhwɛ so.


Yeinom ne Kohatfoɔ mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiaeɛ ntomadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam so kan wɔn.


Yeinom ne Gerson mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiaeɛ ntomadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn.


Yeinom ne Merari mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam no so kan wɔn.


Sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no na wɔde wɔn sisii wɔn som adwuma ne asɛdeɛ ne deɛ wɔde hyɛɛ wɔn nsa no soɔ mmaako mmaako; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na Lewifoɔ mma asɔfoɔ no mmra ho, ɛfiri sɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wɔnhyira AWURADE din mu, na wɔn anomu asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔborɔ ho asɛm biara;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan