Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 26:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na asase buee n’anomu menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwuiɛ, na ogya hyee mmarima ahanu aduonum no, na wɔbɛyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 na asase buee n’anomu menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwuiɛ, na ogya hyee mmarima ahanu aduonum no, na wɔbɛyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na asase mu bue menee wɔne Kora. Ogya fi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifo ahannu aduonum. Na wɔyɛɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 na asase buee n'anom menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwui, na ogya hyew mmarima ahanu aduonum no; na wɔbɛyɛɛ sɛnkyerɛnne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 26:10
15 Iomraidhean Croise  

Na Israelfoɔ dii mana mfirinhyia aduanan de kɔsii sɛ wɔduruu asase bi a nkurɔfoɔ bi te soɔ so; wɔdii mana de kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase no hyeɛ soɔ.


Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfoɔ a wɔwɔ Babel no nyinaa anomu sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyee wɔn no,


Na mɛma m’ani asa onipa no, na mɛdwiri no ama no ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne akasabebuo, na matwa no afiri me man mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


na wɔne Israelfoɔ mu mmarima ahanu aduonum a wɔyɛ asafo no mu mmapɔmma a wɔayi wɔn sɛ abadwafoɔ, nnipa a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose;


Nnebɔneyɛfoɔ yi a wɔayɛ wɔn kra ho bɔne nkukuwa no, na mommoro nyɛ abena atɛtrɛtɛ nkata afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ wɔde baa AWURADE anim, na ayɛ kronkron, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israelfoɔ no.


Aaron din na twerɛ hyɛ Lewi poma soɔ: Ɛfiri sɛ poma biara yɛ mpanimfie biara mu otitire no deɛ.


Yɛn agya wuu ɛserɛ so, nso ɔno deɛ, na ɔmfra asafo a wɔhyia tiaa AWURADE, Kora asafo no mu, na ɔno ara ne bɔne nti na ɔwuiɛ; nso na ɔnni mmammarima.


ne deɛ ɔyɛɛ Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram a asase buee n’anomu menee wɔn ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne wɔn a wɔdii wɔn akyire nyinaa firii Israel nyinaa mfimfini no;


Na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, wo ne w’asefoɔ ho daa.


na sɛ ɔdanee Sodom ne Gomora nkuro nso, na ɔde ɔsɛeɛ buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a akyire yi wɔbɛyɛ amumuyɛdeɛ,


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


Na yei nyɛ wo deɛ ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, soɔ no ho nsɛnkyerɛnneɛ: Da koro na wɔn baanu no bɛwuwuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan