Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 24:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Bileam maa n’ani so, na ɔhunuu Israel sɛ wɔgu hɔ mmusua mmusua; na Nyankopɔn honhom baa ne so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Bileam maa n’ani so, na ɔhunuu Israel sɛ wɔgu hɔ mmusua mmusua; na Nyankopɔn honhom baa ne so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 hunuu sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Bileam maa n'ani so, na ohuu Israel sɛ wogu hɔ mmusua mmusua; na Onyankopɔn honhom baa no so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 24:2
17 Iomraidhean Croise  

Na Nyankopɔn honhom baa Oded ba Asaria so,


Hwan ne oyi a ɔpue sɛ adekyeeɛ, ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsrane, ne ho te sɛ owia, na ne ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔkura frankaa yi?


Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ sɛ Tirsa, woyɛ oyima sɛ Yerusalem, wo ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔahyia frankaa aseɛ.


Sɛdeɛ wo ntomadan si yɛ fɛ, O Yakob, wo tenabea no, O Israel!


Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso.


Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa!


Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?


Nanso yei mu deɛ, mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din ɔsoro.


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto


Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.


Na wɔduruu kokoɔ no so hɔ no, hwɛ, adiyifoɔ asafo bɛhyiaa no, na Nyankopɔn honhom bɛsii ne so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.


Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wɔhunuu adiyifoɔ asafo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn soɔ no, Nyankopɔn honhom baa Saulo abɔfoɔ no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.


Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Nyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekorɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kɔsii sɛ ɔduruu Naiot wɔ Rama.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan