Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 24:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Bileam hunuu sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ɔhyira Israel no, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔkɔɔ kane no, na mmom ɔde n’ani kyerɛɛ ɛserɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Bileam hunuu sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ɔhyira Israel no, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔkɔɔ kane no, na mmom ɔde n’ani kyerɛɛ ɛserɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ Awurade ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Balaam hunuu sɛ Awurade pɛ sɛ ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Bileam hui sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛ ɔkɔe kan no, na mmom ɔde n'ani kyerɛɛ sare no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 24:1
13 Iomraidhean Croise  

Na Bileam sɔree anɔpa, na ɔka kyerɛɛ Balak asafohene no sɛ: Monkɔ mo asase so, na AWURADE ampene amma me kwan sɛ me ne mo nkɔ.


Na Moab mpanin ne Midian mpanin no sii mu kɔe, na adebisa akatua no kura wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n’anim.


Na ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: Gyina w’afɔrebukyia no ho ara, na me deɛ, merekɔ makɔhwɛ.


Hwɛ, nhyira na manya; wahyira, na merentumi mennane ani.


Ampa ara, adebisa nni Yakob mu, na nkɔmhyɛ nni Israel mu: Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yi!


Na Balak faa Bileam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ anwea pradada no soɔ hɔ.


Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so.


Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam kaeɛ no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.


Hwɛ, wɔn na wɔfaa Bileam asɛm so maa Israelfoɔ wae firii AWURADE ho, Peor asɛm no mu, na ɛmaa ɔhaw baa AWURADE asafo no mu.


Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa wɔ wo hɔ a wɔkura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, deɛ ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma suntidua na wɔnni nam a wɔakum ama abosom, na wɔmmɔ adwaman no.


Na afei, hwɛ, menim sɛ wobɛdi hene, na Israel ahennie bɛtim wɔ wo nsam;


Ɛnna Saulo sɔre siane kɔɔ Sif serɛ soɔ, ɔne Israel mmarima mpensa a wɔayi wɔn, sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid Sif serɛ so.


Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ nnoɔma pii, na wobɛdi nim wɔ ne nyinaa mu nso. Ɛnna Dawid sii ne kwan soɔ. Na Saulo sane kɔɔ ne tenabea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan