Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 23:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na Awurade bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ yɛ petee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ sɛ Awurade bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kogyina wo hyew afɔre no ho, na menkɔ: ebia AWURADE behyia me, na ade ko a ɔbɛma mahu no, mɛka makyerɛ wo. Na osiim kɔɔ koko pataa bi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 23:3
16 Iomraidhean Croise  

Na Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu odwennini a dɔtɔ asɔ ne mmɛn mu wɔ n’akyi. Na Abraham kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.


Na Noa sii afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bukyia no so.


Na Yetro, Mose ase no, de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanin nyinaa baa sɛ wɔne Mose ase rebɛdidi wɔ Nyankopɔn anim.


Na AWURADE frɛɛ Mose, na ɔfiri ahyiaeɛ ntomadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ:


Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ deɛ AWURADE de hyɛ m’anomu no na ɛsɛ sɛ mehwɛ yie na meka?


Na ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: Gyina w’afɔrebukyia no ho ara, na me deɛ, merekɔ makɔhwɛ.


Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ hyeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no biara so.


Na Bileam bua ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ: Biribiara a AWURADE bɛka no, ɛno na mɛyɛ anaa?


Na Onyankopɔn bɛhyiaa Bileam, na Bileam kyerɛɛ no sɛ: Masisi afɔrebukyia nson, na mede nantwinini ne odwennini mabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ w’afɔrebukyia biara so.


Na Bileam hunuu sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ɔhyira Israel no, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔkɔɔ kane no, na mmom ɔde n’ani kyerɛɛ ɛserɛ no so.


Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa ne emu animuonyam,


na mampene sɛ mɛtie Bileam, na nhyira na ɔhyiraa mo, na meyii mo ne nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan