Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 22:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanimfoɔ sɛ: Afei ɛdɔm yi bɛdi yɛn ho adeɛ nyinaa, sɛdeɛ nantwie di asase so wira no. Saa berɛ no mu no Sipor ba Balak na na ɔyɛ Moab hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanimfoɔ sɛ: Afei ɛdɔm yi bɛdi yɛn ho adeɛ nyinaa, sɛdeɛ nantwie di asase so wira no. Saa berɛ no mu no Sipor ba Balak na na ɔyɛ Moab hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Moabfo no ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo no se, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a ɛwɔ ha no, sɛnea nantwi we sare.” Enti Sipor ba Balak a na ɔyɛ Moabhene saa bere no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ntɛm ara, wɔne Midian mpanimfoɔ tuu agyina. Wɔkaa sɛ, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a wɔhunu sɛdeɛ nantwie we serɛ.” Enti, Moab ɔhene Balak

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo sɛ: Afei dɔm yi bedi yɛn ho ade nyinaa, sɛnea nantwi di asase so wura no. Saa bere no mu na Sipor ba Balak ne Moab hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 22:4
13 Iomraidhean Croise  

na wɔkumm Midian ahemfo nso kaa wɔn a wɔtotɔeɛ no ho. Midian ahemfo a wɔkumm wɔn yɛ baanum a wɔn ne Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Na Beor ba Bileam nso, wɔde nkrantɛ kumm no.


Esutue ara nko na ɛwɔ Moab adan nyinaa atifi, ne ne mmorɔno soɔ, na mabɔ Moab sɛ kukuo bi a wɔmpɛ, AWURADE asɛm nie.


Na afei, woyɛ sene Moabhene Sipor ba Balak? Ham na ɔne Israel hameeɛ anaasɛ ko na ɔne wɔn koeɛ?


Mehu no, nso ɛnyɛ seesei, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bɛpue Yakob mu, na ahempoma bɛfiri Israel mu asɔre, na wadwerɛ Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.


Na Moab mpanin ne Midian mpanin no sii mu kɔe, na adebisa akatua no kura wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n’anim.


Na Sipor ba Balak hunuu deɛ Israel yɛɛ Amorifoɔ no nyinaa.


Ɛno na Edom asafohempanin ho dwirii wɔn, Moab ahoɔdenfoɔ no, nketenkete kutaa wɔn, Kanaanfoɔ nyinaa hodwoe.


Na hwɛ, ɔbarima bi firi Israelfoɔ no mu bae a ɔde Midianni baa bi baa ne nuanom nkyɛn wɔ Mose ani so ne Israelfoɔ asafo no nyinaa ani so; ɛberɛ a wɔn deɛ, na wɔresu ahyiaeɛ ntomadan no ano.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson.


Na wɔsɔre firii Midian, na wɔkɔduruu Paran; na wɔfaa mmarima bi wɔ Paran kaa wɔn ho, na wɔkɔɔ Misraim, Misraimhene Farao nkyɛn; na ɔmaa no efie na ɔhyɛɛ aduane a wɔmma no, na wɔmaa no asase nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan