Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 22:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Moab suroo ɔman no pii, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfoɔ no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Moab suroo ɔman no pii, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfoɔ no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 na Moab huu Israelfo dodow a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfo bɔɔ huboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ a ɔhunuu Israelfoɔ dodoɔ a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfoɔ bɔɔ huboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Moab suroo ɔman no pii, efisɛ wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfo no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 22:3
10 Iomraidhean Croise  

ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira.


Ɛno na wɔn ho popoeɛ, deɛ ahopopoɔ nnie hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsraban nnompe, woahyɛ wɔn aniwuo, na Onyankopɔn apa wɔn.


Nanso dodoɔ a wɔhyɛɛ wɔn soɔ no, dodoɔ no ara na wɔdɔreeɛ, na wɔtrɛe. Na Misraimfoɔ suroo Israelfoɔ no.


Ɛno na Edom asafohempanin ho dwirii wɔn, Moab ahoɔdenfoɔ no, nketenkete kutaa wɔn, Kanaanfoɔ nyinaa hodwoe.


Mɛma me ho hu adi w’anim, na mama aman a wobɛduru wɔn soɔ nyinaa agyigya, na mama w’atamfo nyinaa adane wɔn akyi akyerɛ wo.


Misraim te asɛm no ara pɛ, ɛbɛdi Tiro asɛm no ho yea kɛse.


Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mede wo ho suro ne wo ho hu magu soro nyinaa ase aman a wɔbɛte wo nka soɔ, na wɔn ho apopo na wɔn akoma atu w’anim.


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.


Na wɔbuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim no, na mo nti yɛsuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yɛdii saa asɛm yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan