Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 21:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkuro pasapasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkuro pasapasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Afei, Israelfo no kaa ntam kyerɛɛ Awurade se, “Sɛ wode saa nnipa yi bɛhyɛ yɛn nsa a, anka yebegu wɔn nkurow akɛse no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Afei, Israelfoɔ no kaa ntam kyerɛɛ Awurade sɛ, sɛ ɔbɛboa wɔn ama wɔadi Arad ɔhene ne de dɔm so a, anka wɔbɛgu nkuro akɛseɛ a ɛwɔ hɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkurow pasaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 21:2
15 Iomraidhean Croise  

Na Yakob hyɛɛ bɔ kaa sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bɛdi m’akyi ahwɛ me so ɔkwan a merebɛtuo yi mu, na wama me aduane madi ne atadeɛ mahyɛ,


Mede m’aboadeɛ bɛma AWURADE, ne man nyinaa anim,


sɛdeɛ ɔkaa AWURADE ntam, na ɔhyɛɛ Yakob tumfoɔ no bɔ sɛ:


Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, ɔnnue! Marana-ta (Yɛn Awurade, bra!).


kum na fa nkrantɛ kum kuro no mufoɔ. Fa nkrantɛ sɛe ɛno ne deɛ ɛwom nyinaa ne emu afieboa pasapasa;


na boaboa emu asadeɛ nyinaa ano gu abɔntene so, na fa ogya hye kuro no ne emu asadeɛ no nyinaa sɛ afɔdeɛ mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo a wɔnnkyekyere bio.


Na amanaman yi nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu deɛ, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa,


na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma woku wɔn a, ɛnneɛ sɛe wɔn pasapasa; wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;


Na kuro no nyɛ ahyiradeɛ, ɛno ne emu ade nyinaa mma AWURADE; odwamamfoɔ Rahab nko ara na ɔnnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fie nyinaa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔde abɔfoɔ a yɛsomaa wɔn no huntaeɛ.


Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.


Na Yefta hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode Amonfoɔ no hyɛ me nsa a,


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan