Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 19:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔbarima bi a ne ho teɛ nsesa nantwibereɛ no nso no mfa nkɔgu nsraban no akyi baabi a ɛhɔ teɛ, na ɛnyɛ Israelfoɔ asafo no ahodwira nsuo nsie; ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔbarima bi a ne ho teɛ nsesa nantwibereɛ no nso no mfa nkɔgu nsraban no akyi baabi a ɛhɔ teɛ, na ɛnyɛ Israelfoɔ asafo no ahodwira nsuo nsie; ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Ɔbarima a ne ho nguu fi no bɛsesaw aboa a wɔhyew no no nsõ de akogu atenae no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ Israelfo no de sie na wɔde agu wɔn ahodwira nsu mu; ɛyɛ nea wɔde dwira wɔn ho fi bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Afei, obi a ne ho nguu fi no bɛsesa aboa a wɔhyee no no nsõ de akɔ atenaeɛ no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron na wakɔkora no wɔ hɔ. Israelfoɔ no de bɛgu wɔn nsuo a wɔde dwira wɔn ho de pam wɔn bɔne no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔbarima bi a ne ho tew nsesaw nantwibere no nso no mfa nkogu nsra no akyi baabi a ɛhɔ tew, na ɛnyɛ Israelfo asafo no ahodwira nsu nsie; ɛyɛ bɔne ho afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 19:9
16 Iomraidhean Croise  

Na adeɛ biara a ɔda soɔ ne nsabuo mu no ho nte, na adeɛ a ɔtena soɔ no ho nte.


Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho.


Obiara a ɔka owufoɔ, onipa bi a wawuo funu, na wannwira ne ho no agu AWURADE tenabea ho fi, na wɔntwa saa ɔkra no mfiri Israel mu ntwene, ɛfiri sɛ ahodwira nsuo a wɔampete angu ne soɔ nti, ne ho nte, ne ho fi da so wɔ ne ho.


Na deɛ ne ho nteɛ no, wɔmfa bɔne ho afɔdeɛ a wɔahyeɛ no nso no bi mma no, na wɔmfa mmasuo ngu so adeɛ bi mu;


na ɔbarima a ne ho teɛ bi mfa adwera mmɔ nsuo no mu, na ɔmpete ngu ntomadan no ne emu nnoɔma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ no ne deɛ waka dompe anaa ɔtɔfoɔ anaa efunu anaa ɛda bi no so.


na momfa no mma Ɔsɔfoɔ Eleasa, na ɔmfa no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔnku no n’anim.


Na deɛ ɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ nsuo mu, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.


Na ɔntua ne ho adeɛ mma AWURADE n’ahotua nna no, na ɔmfa odwanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodie ho afɔdeɛ; na kane nna no ayera, ɛfiri sɛ n’ahotua no ho agu fi.


Na sɛdeɛ dwira wɔn nie: Fa bɔneyie nsuo pete wɔn so, na wɔmfa yiwan nyi wɔn ho nyinaa, na wɔnsi wɔn ntadeɛ, na wɔmfa nte wɔn ho.


Na deɛ ne ho teɛ na ɔntuu kwan na ɔpo twam no die no, wɔbɛtwa ɔkra no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ wamfa AWURADE ayɛyɛdeɛ no amma ne berɛ mu; saa onipa no nsoa ne bɔne.


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


Na sɛ mmirekyie ne anantwinini mogya ne nantwibereɛ nso a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi, te wɔn ho kɔ honam ahofire mu a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan