Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 18:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuo, w’agya abusuakuo no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanseɛ ntomadan no anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuo, w’agya abusuakuo no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanseɛ ntomadan no anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Fa wo nkurɔfo a wɔwɔ Lewi abusuakuw no mu na wɔmmoa wo mmabarima no wɔ dwuma kronkron a wodi no Ahyiae Ntamadan no anim no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Fa wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ Lewi abusuakuo no mu ma wɔmmoa wo mmammarima wɔ dwumadie kronkron no a wɔyɛ no Ahyiaeɛ Ntomadan no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuw, w'agya abusuakuw no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom no mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanse ntamadan no anim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 18:2
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔse: Afei ansa na me kunu de ne ho bɛfam me ho, ɛfiri sɛ me ne no awo mmammarima baasa. Enti ɔtoo no din Lewi.


Na wɔkɔgyinagyinaa wɔn agyinaeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ no teɛ, Nyankopɔn nipa Mose mmara mu. Na asɔfoɔ no gyee mogya no Lewifoɔ no nsam de petee.


na wɔbɛyɛ me kronkronbea asomfo ayɛ asɔrefie no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔasom asɔrefie no mu. Wɔn na wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɔkum afɔdeɛ ama ɔman no, na wɔn ara na wɔbɛgyina wɔn anim asom wɔn.


Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,


na mobɛhunu sɛ me na mesoma maa wɔde mmara yi brɛɛ mo sɛ ɛnyɛ me ne Lewi apam, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na Lewifoɔ no deɛ, wɔmmɔ adanseɛ tenabea no ho nsraban nhyia, na AWURADE abufuo amma Israelfoɔ asafo no so. Na Lewifoɔ no nkura adanseɛ tenabea no so hwɛ mu.


sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ nkaeɛ adeɛ, na onipa foforɔ a ɔmfiri Aaron asefoɔ mu no ammɛn ammɛhye aduhwam AWURADE anim, na anyɛ no sɛ Kora ne n’asafo no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ no no.


Na Mose gyaa mpoma no guu AWURADE anim adanseɛ ntomadan no mu.


Na wɔnka wo ho, na wɔnkura ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma no mu, nyɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa, na onipa foforɔ biara ammɛn mo.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na nsraban no rebɛtu na Aaron ne ne mma no wie akronkronneɛ no ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma nhyɛne mu nkɔma soɔ, na wɔanka akronkronneɛ no amma wɔanwuwu. Yei ne Kohat mma no adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.


Na mede Lewifoɔ no mama Aaron ne ne mma sɛ akyɛdeɛ afiri Israelfoɔ mu sɛ wɔnyɛ Israelfoɔ no adwuma, ahyiaeɛ ntomadan no mu na wɔmpata mma Israelfoɔ no, na Israelfoɔ no rebɛn kronkronbea hɔ a, ɔhaw biara amma wɔn so.


Ɛno akyiri na Lewifoɔ no ba bɛyɛɛ wɔn som adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu, Aaron ne ne mma no anim; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose, Lewifoɔ no ho no, saa na wɔyɛɛ wɔn.


Na wɔsiesiee nnoɔma yi saa a, asɔfoɔ no kɔ ntomadan a wɔsi mu kane no mu daa kɔyɛ ɔsom ho nnwuma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan