Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 17:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na Mose gyaa mpoma no guu AWURADE anim adanseɛ ntomadan no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Mose gyaa mpoma no guu AWURADE anim adanseɛ ntomadan no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mose de guu Awurade anim wɔ Adanse Ntamadan no mu hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔde guu Awurade anim wɔ Adanseɛ Ntomadan no mu hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Mose gyaw mpoma no guu AWURADE anim, adanse ntamadan no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 17:7
9 Iomraidhean Croise  

Yei ne tenabea no, adanseɛ tenabea no ho nnoɔma anobuo, sɛdeɛ wɔnam Mose anomu asɛm so maa Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar buu ano maa Lewifoɔ som no.


na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanseɛ tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne adeɛ biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔnkyere wɔn nsraban nhyia.


Na Lewifoɔ no deɛ, wɔmmɔ adanseɛ tenabea no ho nsraban nhyia, na AWURADE abufuo amma Israelfoɔ asafo no so. Na Lewifoɔ no nkura adanseɛ tenabea no so hwɛ mu.


Na asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi Yosua ne Kaleb aboɔ. Ɛnna AWURADE animuonyam puee ahyiaeɛ ntomadan no mu kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa.


Na gya gu ahyiaeɛ ntomadan no mu, Adanseɛ no anim, deɛ me ne mo hyia hɔ no.


Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no; na wɔn mmapɔmma no nyinaa memaa no mpoma mmaako mmaako; mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no; na Aaron poma wɔ wɔn mpoma no mu.


Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuo, w’agya abusuakuo no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanseɛ ntomadan no anim,


Na ɛda a wɔmaa tenabea no so sii hɔ no, mununkum no bɛkataa adanseɛ ntomadan no tenabea no so, na anwummerɛ, wɔhwɛ a, na ɛredɛre sɛ ogya wɔ tenabea no so de kɔsi anɔpa.


Yɛn agyanom nyaa adanseɛ ntomadan no wɔ ɛserɛ so, sɛdeɛ deɛ ɔkasa kyerɛɛ Mose no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no sɛdeɛ adeɛ a ɔhunuiɛ no teɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan