Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 16:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so dwa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara na AWURADE wɔ wɔn mu, na adɛn nti na moma mo ho so AWURADE badwa soɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so dwa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara na AWURADE wɔ wɔn mu, na adɛn nti na moma mo ho so AWURADE badwa soɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ahomaso no amee yɛn; monnyɛ kronkron nsen obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Tumi bɛn na mowɔ sɛ moma mo ho so sɛ moyɛ mpanyimfo a ɛsɛ sɛ yetie mo na afei moma mo ho so sen obiara wɔ bere a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. “Mo ahomasoɔ no amee yɛn; monnyɛ kronn nsene obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Adɛn enti na moma mo ho so sene obiara wɔ ɛberɛ a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so gua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moayɛ bi! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, AWURADE wɔ wɔn mu biara mu; na ɛdɛn nti na moma mo ho so AWURADE bagua so?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 16:3
20 Iomraidhean Croise  

ɛfiri sɛ wɔafefa wɔn mmammaa mu bi, na wɔne wɔn mma awareware wɔn, na yɛn asefoɔ kronkron no de wɔn ho akɔfrafra nsase no so aman no mu. Na mmapɔmma ne amampanin no na ɛdi mmarato yi mu kan.


Na wɔn ani beree Mose, nsraban no mu, ne Aaron, AWURADE hotefoɔ no.


Nyankopɔn ko teaseɛnam yɛ mpempem bubuanwea, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.


Na mo deɛ, mobɛyɛ me asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron. Yeinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfoɔ no.


na wɔbɛka akyerɛ asase yi sofoɔ. Wɔate sɛ wo, AWURADE, wowɔ ɔman yi mu a woma wɔhu wo anim ne anim, AWURADE, na wo mununkum gyina wɔn so, na wo na wodi wɔn anim mununkum dum mu awia, ne ogya dum mu anadwo;


Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?


Na adeɛ kyeeɛ no, Israel asafo no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE nkurɔfoɔ.


na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhwam ngu so, AWURADE anim, ɔkyena. Na ɛbɛba sɛ onipa a AWURADE bɛyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei deɛ, ayɛ yie, mo Lewi mma!


Wanhunu amumuyɛ Yakob mu, na wanhunu ɔhaw Israel mu. AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi, na ɔhene ho ahurisie wɔ ne mu.


Na monngu asase a mote soɔ na me nso mete mu no ho fi, na mene AWURADE a mete Israelfoɔ mu no.


Ɔbarima ne ɔbaa na montu no, nsraban no akyi na montu wɔn nkorɔ, na wɔangu mo nsraban a mete mu wɔ mo mu no ho fi.


Na yɛn agyanom nso ampɛ sɛ wɔtie no, na wɔsumm no twenee, na wɔdanee wɔn akoma kɔɔ Misraim,


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan