Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 15:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 ɛnneɛ deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE no, ɔmfa aduane afɔdeɛ nso mmra, esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 ɛnneɛ deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE no, ɔmfa aduane afɔdeɛ nso mmra, esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nea ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam muhumuhu kilogram abien a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Deɛ ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmienu a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 ɛnne nea ɔde n'ayɛyɛde brɛ AWURADE no, ɔmfa aduan afɔre nso mmra, asikresam abupɛn du mu biako a wɔde ngo susutoa abupɛn anan mu biako afɔtɔw,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 15:4
21 Iomraidhean Croise  

Yei nyinaa nti bɔ mmɔden fa sika no tɔ anantwie, adwennini, nnwammaa ne wɔn ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, na fa kɔbɔ afɔdeɛ, afɔrebukyia a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no so.


na fa esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo toa baako ne ɛfa agu soɔ ne bobesa toa baako ne ɛfa ahwiesa ka adwammaa baako ho.


Na wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛdeɛ ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumupɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔ kronkron Yerusalem so, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ Israel mma de aduane afɔdeɛ a ɛwɔ adeɛ a emu teɛ mu ba AWURADE fie no.


na siesie ɛho aduane afɔdeɛ daa anɔpa, efa nkyɛmu nsia mu baako, ne ngo susutoa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔmfa mfɔre esiam no na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ mma AWURADE; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ daa;


Na ayamdeɛ ne nnyawa no, ɔmfa nsuo nhohoro ho; na ɔsɔfoɔ no mfa ne nyinaa mmra mmɛhye no afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa nnwanten mma mmienu a wɔdi mu, ne odwammaa bedeɛ baako a wadi afe a ɔdi mu, ne aduane afɔdeɛ esiam efa abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma baako mmra.


Na sɛ obi de aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, n’ayɛyɛdeɛ no nyɛ esiam, na ɔngu so ngo, na ɔmfa ohwamfufuo nto so.


na fa ngo gu so, na fa ohwamfufuo to so; aduane afɔdeɛ ne no.


ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre, na ɛnyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn nnan mu baako.


Sɛ n’ayɛyɛdeɛ yɛ adwammaa na ɔde reba a, ɔmfa mmra AWURADE anim;


Na yei ne aduane afɔdeɛ ho mmara: Aaron mma no mfa mmra AWURADE anim wɔ afɔrebukyia no anim.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre nka nantwinini baako ho, na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre nka odwennini baako ho,


Adwammaa baako na fa bɔ anɔpa, na fa adwammaa baako no bɔ anwummerɛ deɛ.


ɛsono bosome foforɔ so hyeɛ afɔdeɛ, ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne ɛho ahwiesa sɛdeɛ ɛteteɛ; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam.


Na n’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako a ano si nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;


sɛ menyɛ Yesu Kristo somfoɔ amanaman no mu, menkɔyɛ Nyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufoɔ nyɛ afɔdeɛ a ɛyɛ dɛ a wɔate ho Honhom Kronkron mu.


Na yieyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa soɔ, ɛfiri sɛ saa afɔrebɔ no sɔ Nyankopɔn ani.


Na ngodua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me sradeɛ a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan