Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 14:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na adɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? Ɛnyɛ yɛ na ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛbɛsane akɔ Misraim bio?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na adɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? Ɛnyɛ yɛ na ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛbɛsane akɔ Misraim bio?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Adɛn nti na Awurade de yɛn reba ha sɛ yɛmmɛtotɔ wɔ mfoa ano? Wɔbɛfow yɛn yerenom ne yɛn mma. So ennye mma yɛn sɛ yɛbɛsan akɔ Misraim ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 sen sɛ wɔde yɛn bɛkɔ kuro a ɛwɔ yɛn anim no so. Awurade bɛkum yɛn wɔ hɔ na yɛn yerenom ne yɛn mma ayɛ nkoa wɔ hɔ. Momma yɛmfiri ha na yɛnkɔ Misraim!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɛdɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrante ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? So enye mma yɛn sɛ anka yɛbɛsan akɔ Misraim bio?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 14:3
14 Iomraidhean Croise  

Na wɔampɛ sɛ wɔtie, na wɔankae w’anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔsii wɔn so panin sɛ wɔresane akɔ Misraim wɔn anyadie no mu, wɔn atuateɛ no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, woyɛ abufuo mu nyaa, na w’adɔeɛ dɔɔso, na woannya wɔn.


Mprɛ ahe ara na wɔante n’anim atua ɛserɛ soɔ, na wɔanho ne werɛ anwea pradada soɔ!


Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne nsa ano, Misraim asase a na yɛtete nam nkukuo ho na yɛdidi meeɛ no so! Na moayi yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ mode ɛkɔm rebɛkunkum asafo mu yi nyinaa.


na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn, sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrantɛ ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nku yɛn.


ka sɛ: Dabi, na yɛbɛkɔ Misraim asase so a yɛrenhunu dɔm na yɛrente totorobɛnto hyɛne na aduanekɔm renne yɛn, na yɛakɔtena hɔ, a,


AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkaeɛ, sɛ monnkɔ Misraim! Na monhunu pefee sɛ madi mo adanseɛ nnɛ.


Na wɔkuntunu wɔn tɛkyerɛma de yɛ wɔn tadua atorɔ na ɛnyɛ nokorɛ na atim wɔ asase no so, na wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu, na me deɛ, wɔnnim me, AWURADE asɛm nie.


na mmom ɛbɛkɔ akɔsi bosome, akɔsi sɛ ɛbɛfifiri mo hwene mu na afono mo, ɛsiane sɛ moapo AWURADE a ɔwɔ mo mu no, na moasu n’anim aka sɛ: Adɛn nti na yɛfirii Misraim baeɛ yi?


Ɛyɛ adewa sɛ woayi yɛn afiri asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so rebɛku yɛn ɛserɛ soɔ, na woredi yɛn so abakomasɛm nso yi?


Na ɔman no ne Mose hamee, na wɔkaa sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka ɛberɛ a yɛn nuanom wuwuu AWURADE anim no yɛwuwuu bi.


Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na nsuo biara nso nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn.


Na yɛn agyanom nso ampɛ sɛ wɔtie no, na wɔsumm no twenee, na wɔdanee wɔn akoma kɔɔ Misraim,


Na mo mma nketewa a mose wɔbɛyɛ nnommum ne mo mma a nnɛ wɔnnim papa ne bɔne no, wɔn na wɔbɛduru hɔ, wɔn na mede bɛma wɔn na wɔn na wɔbɛdi soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan