Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 13:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn firii Paran serɛ so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfoɔ mu atitire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn firii Paran serɛ so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfoɔ mu atitire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumien a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuw ntuanofo fi wɔn atenae wɔ Paran sare so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Mose yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumienu a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuo ntuanofoɔ firi wɔn atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn fii Paran sare so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfo mu atitiriw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 13:3
11 Iomraidhean Croise  

Na Israelfoɔ no tutuu wɔn nsraban sii mu firii Sinai serɛ so, na mununkum no kɔgyinaa Paran serɛ so.


Na ɛno akyiri no, ɔman no tu firii Haserot, na wɔkɔkyeree nsraban Paran serɛ so.


Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ no; monsoma ɔbarima baako mfiri wɔn nananom abusuakuo biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi.


Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.


Na wɔn din nie: Ruben abusuakuo deɛ ne Sakur ba Samua;


Saa na mo nananom yɛeɛ berɛ a mesomaa wɔn firi Kades-barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asase no,


Mmarima a wɔnkyɛ asase no mu mma mo no din nie: Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua.


Na yɛtu firii Horeb, na yɛnante faa ɛserɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu a mohunuiɛ nyinaa so, Amorifoɔ bepɔ kwan so, sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yɛduruu Kades-barnea.


Na asɛm no sɔɔ m’ani sɛ, na mefaa mo mu nnipa dummienu, mmusuakuo biara mu nipa baako.


Na AWURADE somaa mo firi Kades-barnea kaa sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua, na moannye no anni, na moantie ne nne.


Na Samuel wuiɛ; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano bɛgyamm no, na wɔkoraa no ne fie wɔ Rama. Na Dawid sɔre siane kɔɔ Paran serɛ so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan