Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 13:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ no; monsoma ɔbarima baako mfiri wɔn nananom abusuakuo biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ no; monsoma ɔbarima baako mfiri wɔn nananom abusuakuo biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Soma akwansrafo na wɔnkɔ Kanaan asase so; asase a mede rema Israelfo no. Soma mmusuakuw dumien no mu biara ntuanoni.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Soma akwansrafoɔ na wɔnkɔ Kanaan asase so—asase a mede rema; soma mmusuakuo dumienu no mu biara ntuanoni.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfo no; monsoma ɔbarima biako mfi wɔn agyanom abusuakuw biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 13:2
12 Iomraidhean Croise  

Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔfata, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitire, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so, ne du du so mpanin.


na abusuakuo biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanimfie mu otitire.


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ.


yeinom ne mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no din. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.


Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn firii Paran serɛ so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfoɔ mu atitire.


Saa na mo nananom yɛeɛ berɛ a mesomaa wɔn firi Kades-barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asase no,


Na monyiyi mmusuakuo nyinaa mu mmapɔmma mmaako mmaako, na wɔnkyɛ asase no mu.


Ɛnna mede mo mmusuakuo mu atitire, mmarima anyansafoɔ a wɔdɛnso sisii mo so atitire, apem apem so mpanin ne ɔha ɔha so mpanin ne aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin ne mo mmusuakuo so ahwɛfoɔ.


Na AWURADE somaa mo firi Kades-barnea kaa sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua, na moannye no anni, na moantie ne nne.


Na afei momfa mmarima dummienu mfiri Israel mmusuakuo no mu, abusuakuo biara mu nipa baako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan