Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 12:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sen obiara a ɔte asase yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sene obiara a ɔte asase yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 12:3
16 Iomraidhean Croise  

AWURADE ma ahobrɛasefoɔ gyina, ɔto abɔnefoɔ hwe fam.


Na AWURADE ani sɔ ne man, ɔde nkwagyeɛ hyehyɛ ahobrɛasefoɔ.


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa momfiri adi mmra ahyiaeɛ ntomadan no ho.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.


Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔdwo, na ɔte afunumu ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so.


Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so.


Me Paulo ara na menam Kristo dwoɔ a ɔdwoɔ ne n’ayamyɛ so metu mo foɔ, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfoɔ wɔ mo mu, nanso menni mo nkyɛn a, meyɛ mo ho kokoɔdurufoɔ.


Nanso mebu no sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛn me biribiara mu.


Mayɛ kwasea! Mo na moahyɛ me. Na me deɛ anka ɛsɛ sɛ moyi me ayɛ, ɛfiri sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛne me biribiara mu, nanso menyɛ hwee mpo.


ɛwom sɛ anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyɛ yɛn ho akɛseɛ sɛ Kristo asomafoɔ; nanso yɛbrɛɛ yɛn ho ase wɔ mo mu, sɛdeɛ ɔbagyegyefoɔ bi yɛne ɔno ara ne mma.


Mo mu hwan na ɔyɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ ɔdwoɔ a nyansa wɔ mu mu.


na mmom momma no nyɛ akoma mu nipa a wahunta no, honhom a ɛdwoɔ, na ɛyɛ komm adeɛ a ɛmporɔ mu. Ɛno na ne boɔ yɛ den Nyankopɔn anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan