Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 11:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔman no yɛɛ sɛdeɛ wɔrenwiiwii wɔn amaneɛ ho, AWURADE aso mu; na AWURADE teeɛ no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔɔ wɔn mu hyee nsraban no ano ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔman no yɛɛ sɛdeɛ wɔrenwiiwii wɔn amaneɛ ho, AWURADE aso mu; na AWURADE teeɛ no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔɔ wɔn mu hyee nsraban no ano ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ankyɛ biara na nnipa no fii ase nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wɔn, na Awurade tee. Nʼabufuw sɔree wɔ wɔn anwiinwii no ho. Eyi nti, Awurade maa ogya bɛhyew beae a na wɔte hɔ no mfikyiri baabi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ankyɛre biara na nnipa no firii aseɛ nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yie mma wɔn, na Awurade teeɛ. Nʼabufuhyeɛ kɔɔ wɔn so wɔ wɔn anwiinwii no ho. Yei enti, Awurade maa ogya bɛhyee beaeɛ a na wɔte hɔ no mfikyire.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔman no yɛe sɛnea wɔrenwiinwii wɔn amane ho, AWURADE asom; na AWURADE tee no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔe wɔn mu hyew nsra no ano ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 11:1
40 Iomraidhean Croise  

Na deɛ ɔyɛeɛ no yɛɛ bɔne wɔ AWURADE anim, enti ɔkumm ɔno nso.


Na kunayɛ berɛ twaa mu no, Dawid soma maa wɔkɔfaa no baa ne fie, na ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo babarima maa no. Na asɛm a Dawid diiɛ no ansɔ AWURADE ani.


Na Elia bua see wɔn sɛ: Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a, ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w’aduonum! Na Nyankopɔn gya firi soro ba bɛhyee ɔno ne n’aduonum no.


Ɔno da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Nyankopɔn gya firi soro atɔ abɛhye nnwan ne mmeranteɛ no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.


Na ogya sɔ kɔkaa wɔn asafo, ogyaframa taferee abɔnefoɔ no.


Enti AWURADE teeɛ no, ne bo fui, na ogya sɔɔ Yakob mu, na abufuo nso sɔre tiaa Israel,


Ogya hyee wɔn mmeranteɛ, na wɔn mmabaa nso, wɔanto wɔn ayeforɔ dwom.


na anɔpa na mobɛhunu AWURADE animuonyam, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii a monwiinwii tia AWURADE no; na yɛn deɛ, yɛne hwannom a monwiinwii tia yɛn?


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Montwe mpini AWURADE anim, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii no.


Na Israel hann no bɛdane ogya, na ne Kronkronni no adane gyaframa, na wadɛre ahye ne nwerɛ ne ne nkasɛɛ da koro.


Wɔfiri teteete na asiesie akyiwadeɛ hyeɛbea no, ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛ, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE home bɛsɔ ano sɛ sɔfe asubɔnten.


Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


Adɛn nti na onipa a ɔte aseɛ di amaneɛ ho abooboo, ɔbarima a ɔte ne bɔne mu?


Sɛdeɛ mebuu mo agyanom atɛn ɛserɛ so wɔ Misraim asase soɔ no, saa ara na mɛbu mo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee wɔn, na wɔwuwuu AWURADE anim.


mmepɔ woso n’anim, na nkokoɔ hono; asase woso n’anim, aane wiase ne wɔn a ɛte mu nyinaa mpo.


Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim, na yadeɛ a ɛhyehyeɛ firi di ne nan ase.


Ɛnna wɔtutu firii AWURADE bepɔ no ho nantee nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekyerɛ wɔn asoɛeɛ;


Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena, na mobɛdi nam, ɛfiri sɛ moakɔsu agu AWURADE aso mu sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie? Anka na ɛyɛ ma yɛn wɔ Misraim. Enti AWURADE bɛma mo nam adi:


Na wɔkaa sɛ: Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa a? Na AWURADE tee.


Na Israelfoɔ no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛwuwui wɔ Misraim asase so, anaa ɛserɛ so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛawuwu.


mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,


Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wɔnwiinwii tia me no nkɔsi da bɛn? Israelfoɔ anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no, mate.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Me ara sɛ mete aseɛ yi, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ moakasa agu m’aso mu no, saa ara na mɛyɛ mo:


Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?


Na ogya firi AWURADE nkyɛn bɛhyee mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhwam no baeɛ no.


Na ɔbarima a mɛyi no no poma bɛfefɛ, na mama me ho anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia mo no agyae.


Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na nsuo biara nso nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn.


Nso monnnwiinwii sɛdeɛ wɔn mu binom nwiinwiiɛ na ɔsɛefoɔ no bɛsɛee wɔn no.


sɛdeɛ ɔbɛtoaa wo ɛkwan soɔ, berɛ a woatɔ piti na woabrɛ, na ɔtwaa wɔn a aka w’akyire no nyinaa guiɛ wɔ w’akyire, na wansuro Onyankopɔn.


Na ogya asɔ m’abufuo mu, na ɛredɛre akɔduru Asamando aseɛ, na ɛrehye asase ne ne nnɔbaeɛ, na ɛde ogya ato mmepɔ nnyinasoɔ mu.


Na Tabera ne Masa ne Kibrot-hataawa nso mohyɛɛ AWURADE abufuo.


Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ.


Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.


Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnafoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyiri, na wɔn ano ka akonkosɛm, na mfasoɔ nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan