Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 10:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na mo anigyeɛ nna ne mo afa a mohyɛ ne mo bosome foforɔ no mu nso monhyɛne ntotorobɛnto, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyɛ nkaeɛ mma mo, mo Nyankopɔn anim: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na mo anigyeɛ nna ne mo afa a mohyɛ ne mo bosome foforɔ no mu nso monhyɛne ntotorobɛnto, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyɛ nkaeɛ mma mo, mo Nyankopɔn anim: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Anigyebere mu nso, monhyɛn ntorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Ɔsram biara mfiase nso, monhyɛn mfa nnye mo ani wɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo wɔ no. Na mene Awurade mo Nyankopɔn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Anigyeberɛ mu nso, monhyɛn ntotorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Bosome biara ahyɛaseɛ nso, monhyɛ mfa nnye mo ani wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo apam no. Na mene Awurade mo Onyankopɔn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na mo anigye nna ne mo afahyɛ a mohyɛ ne mo asram foforo no mu nso monhyɛn ntorobɛnto, mo hyew afɔre ne mo asomdwoe afɔre no so, na ɛnyɛ nkae mma mo, mo Nyankopɔn anim. Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 10:10
34 Iomraidhean Croise  

Na ɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsrane foforɔ, na ɛnyɛ homeda. Na ɔbaa no kaa sɛ: Ɛnyɛ hwee.


Na Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia, Eliesa, asɔfoɔ no, ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto, Nyankopɔn adaka no anim. Na Obed-Edom ne Yehia ne adaka no apono ano ahwɛfoɔ.


Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛne ne ntotorobɛnto ne nsambɔ ne nnawuro mu, wɔde mmɛnta ne nsankutene maa wɔtee nka.


Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntotorobɛnto ne nsambɔ nnawuro a wɔma no gyegyeɛ, ne nnoɔma a wɔde to Nyankopɔn dwom. Na Yedutun mma deɛ, na wɔwɔ ɛpono ano.


Na Lewifoɔ no de Dawid nsankuo no gyinagyina hɔ, na asɔfoɔ no nso de ntotorobɛnto.


Na badwa no nyinaa kotokotoe, na wɔtotoo nnwom na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto no ara de kɔsii sɛ wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ.


Na asɔfoɔ no gyinagyina hɔ, wɔn som nnwuma so, na Lewifoɔ no nso kurakura AWURADE nsankuo a Ɔhene Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, berɛ a Dawid nam wɔn so yii AWURADE ayɛ no. Na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto, wɔn ntentensoɔ, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.


Na abantofoɔ no too AWURADE asɔredan no fapem no, asɔfoɔ a wɔahyehyɛ wɔn ntadeɛ kurakura ntotorobɛnto, ne Lewifoɔ, Asaf mma no, wɔkurakura nnawuro gyinagyina hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛdeɛ Israelhene Dawid hyehyɛeɛ no.


ne asɔfoɔ mma no mu binom a wɔkurakura ntotorobɛnto, Yonatan ba Sakaria, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba,


Monyi no ayɛ ntotorobɛnto nne so, monyi no ayɛ bɛnta ne sankuten so.


Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.


Na ɛne sɛnnahɔ ma Israel, atorɔmudeɛ ma Yakob Nyankopɔn.


Nhyira ne ɔman a wɔnim osebɔ na wɔnante wo, AWURADE, anim hann mu.


Na Aaron nsoa Israel mma din atemmuo adaaboɔ no mu n’akoma so, mfa nkɔ kronkronbea hɔ, na ɛnyɛ AWURADE anim nkaeɛ daa.


Na gyegye mpata sika no Israelfoɔ no nsam, na fa ma ahyiaeɛ ntomadan no mu som no, na ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ, AWURADE anim, na wɔmfa mpata mma mo kra.


Na da no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ, na wɔn a wɔyeraa Asiria asase soɔ, ne wɔn a wɔsumm wɔn kɔɔ Misraim asase soɔ no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan nyɛ mo homeda, totorobɛntohyɛn nkaeɛ, nhyia kronkron;


Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiahiafoɔ a wɔhiahia mo ho akɔko a, ɛnneɛ momfa ntotorobɛnto nhyɛne osebɔ nnyegyeeɛ, na wɔnkae mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na wɔnnye mo nkwa mo atamfoɔ no nsam.


Na mo abosome foforɔ mfitiaseɛ nso, momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako, nnwanten mma nson a wɔadi afe afe a wɔdi mu;


Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɛnyɛ mo totorobɛntohyɛn da.


Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.


Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim.


ntɛm so, mpofirim, totorobɛnto a ɛdi akyire no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn totorobɛnto na awufoɔ no anyane sɛ wɔn a wɔmporɔɔ da, na yɛn deɛ yɛbɛsakyera.


ɛfiri sɛ Awurade no ara de osebɔ, ɔbɔfoɔ panin nne Nyankopɔn totorobɛnto firi soro bɛsiane, na Kristo mu awufoɔ bɛsɔre kane,


Enti momfa nsɛm yi nkyekyere mo ho werɛ.


Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsuo no twae, AWURADE apam adaka no anim; ɛtwaa Yordan no, Yordan nsuo no twae; na aboɔ yi nyɛ nkaeɛ mma Israelfoɔ nkɔsi daa.


Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsrane fire a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidiiɛ; nanso ma menkɔ nkɔhunta wiram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan