Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




4 Mose 10:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




4 Mose 10:1
20 Iomraidhean Croise  

Ɛnna wɔse: Wo nkoa yɛ anuanom dummienu. Yɛyɛ ɔbarima baako mma wɔ Kanaan asase so, na hwɛ, ɔkaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn nnɛ, na ɔbaako deɛ ɔnni hɔ.


(Yeinom ne Lea mmammarima a ɔwo maa Yakob wɔ Mesopotamia ne ne babaa Dina, ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa yɛ akra aduasa mmiɛnsa.)


Na Dawid ne Israel fie nyinaa de osebɔ ne totorobɛntohyɛn de AWURADE adaka no foro bae.


na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina simpie no so sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no, na asafohene no ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ no nyinaa ani agye, na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto. Ɛnna Atalia sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔteaa mu sɛ: Atirisopam, atirisopam!


na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina n’agyinaeɛ aboboano, asafohene ne ntotorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani agye, na wɔrehyenhyɛne ntotorobɛnto, na nnwontofoɔ no de nsankuo bɔɔ ayeyie nnwom. Ɛnna Atalia sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: Atirisopam, atirisopam!


na Lewifoɔ nnwontofoɔ no a wɔhyɛ Asaf Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom aseɛ no nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ, kurakura nnawuro ne mmɛnta ne nsankutene gyinagyina afɔrebukyia no apueeɛ fam, na asɔfoɔ ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛne ntotorobɛnto.


Na asɔfoɔ no gyinagyina hɔ, wɔn som nnwuma so, na Lewifoɔ no nso kurakura AWURADE nsankuo a Ɔhene Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, berɛ a Dawid nam wɔn so yii AWURADE ayɛ no. Na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto, wɔn ntentensoɔ, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.


Na abantofoɔ no too AWURADE asɔredan no fapem no, asɔfoɔ a wɔahyehyɛ wɔn ntadeɛ kurakura ntotorobɛnto, ne Lewifoɔ, Asaf mma no, wɔkurakura nnawuro gyinagyina hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛdeɛ Israelhene Dawid hyehyɛeɛ no.


Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro, AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.


Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.


Momfa totorobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose, Ɔhene AWURADE anim.


Na Israelfoɔ no mmobɔ nsraban wɔn ara wɔn nsraban mu ne wɔn frankaa ho sɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ mmaako mmaako.


Yɛ dwetɛ ntotorobɛnto mmienu fa, dwetɛ a wɔaborɔ na fa yɛ, na wɔde afrɛ asafo no aba, na wɔde ama wɔatu nsraban no akɔ.


Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɛnyɛ mo totorobɛntohyɛn da.


Israel mmapɔmma, wɔn mpanimfie so atitire a wɔyɛ mmusuakuo no asafohempanin a wɔhwɛ wɔn a wɔkan wɔn no soɔ no de ayɛyɛdeɛ bae.


AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam tuo. AWURADE ahyɛdeɛ na wɔyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no.


Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano.


Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.


Na mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Nyankopɔn anim no, na wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.


Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee ntotorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wɔkurakuraa ntɛnee no wɔn nsa benkum mu ne ntotorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteaa mu sɛ: AWURADE ne Gideon nkrantɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan